Add parallel Print Page Options

19 Bere a afenaa no wuranom hui sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyin anim wɔ aguabɔe.

20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn soboɔ se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn kyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani. 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye tom.”

22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenguan.

Read full chapter