Asomafo 11:20-26
Nkwa Asem
20 Gyidifo bi a wofi Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa Asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ Amanamanmufo no. 21 Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti, nnipa pii gyee asɛm no dii ma wɔdan baa Awurade nkyɛn.
22 Saa asɛm yi trɛw koduu Yerusalem asafo no mu nti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23 Oduu hɔ a ohui sɛnea Onyankopɔn ahyira wɔn no, n’ani gyei ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran se, womfi wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wonni no nokware nso. 24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidi nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.
25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26 Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”
Read full chapterAkuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.