Font Size
Korintofo I 15:1-5
Nkwa Asem
Korintofo I 15:1-5
Nkwa Asem
Kristo wusɔre
15 Afei, anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho. 2 Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukita Asɛmpa no mu dennen a, mubenya nkwa gye sɛ moannye anni.
3 Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm mu se, 4 wosiee no nanso nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea, bio wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, 5 ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa.
Read full chapter
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.