Add parallel Print Page Options

要常常留心作善工

你要提醒他们服从执政的和掌权的,听从他们,随时准备作各种善工。 不可毁谤人,要与人无争,谦恭有礼,向众人表现充分温柔的心。 我们从前也是无知、不顺服、受了迷惑、被各种私欲和逸乐所奴役,生活在恶毒和嫉妒之中,是可憎可恶的,并且互相仇视。 然而,到了 神我们的救主显明他的恩慈和怜爱的时候, 他就救了我们,并不是由于我们所行的义,而是照着他的怜悯,借着重生的洗和圣灵的更新。 圣灵就是 神借着我们的救主耶稣基督丰丰富富浇灌在我们身上的, 使我们既然因着他的恩典得称为义,就可以凭着永生的盼望成为后嗣。

这话是可信的,我愿你确实地强调这些事,使信 神的人常常留心作善工;这些都是美事,并且是对人有益的。 你要远避愚昧的辩论、家谱、纷争和律法上的争执,因为这都是虚妄无益的。 10 分门结党的人,警戒一两次之后,就要和他绝交。 11 你知道这种人已经背道,常常犯罪,定了自己的罪。

嘱咐和问安

12 我派亚提马或推基古到你那里去的时候,你要赶快到尼哥波立来见我,因为我已决定在那里过冬。 13 你要尽力资助西纳律师和亚波罗的旅程,使他们不致缺乏。 14 我们自己的人也应当学习作善工,供应日常的需要,免得不结果子。

15 同我在一起的人都向你问安。请你问候那些因信而爱我们的人。愿恩惠与你们众人同在。

Okristoni su

Kae wo nkurɔfo na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ mpanyin ne tumi ase na wontie wɔn na wonsiesie wɔn ho mma adepa yɛ. Ka kyerɛ wɔn se wɔnnka asɛmmɔne mmfa obi ho na mmom wonnwo brɛoo na daa wonyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye horow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn.

Nanso bere a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamye ne ne dɔ daa adi no, ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom, ɔnam n’ahummɔbɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo. Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a’ n’adom nti, ɔbɛka yɛn ne Onyankopɔn abom na ɛnam so ma yɛanya nkwa a enni awiei a yɛn ani da so no. Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na ɛho wɔ mfaso ma nnipa.

Nanso munnnye nkwasea akyinnye. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko wɔ mmara so. Ɛho nni mfaso biara. 10 Obi a ɔde mpaepaemu ba no, bɔ no kɔkɔ na ɛno akyi tew wo ho fi ne ho. 11 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.

12 Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔw bere no. 13 Bɔ mmɔden gya ɔmmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye na anhia wɔn hwee. 14 Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.

15 Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyiakyia wo. Kyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu ma yɛn. Adom nka mo nyinaa.