Hebrifo 6
Nkwa Asem
6 Momma yennyae Kristo ho nsɛm mfitase no, na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Mommma yɛnntow ahonu a efi nneyɛe a ɛde kɔ owu mu ne Onyankopɔn mu gyidi no ho, 2 ne asubɔ ne nsa a wɔde gu nnipa so ne awufo sɔre ne daa atemmu no fapem no nngu.
3 Momma yɛnkɔ anim. Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a, saa ara na yɛbɛyɛ.
Ɔpo ho amanehunu
4 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe na wonyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. 5 Wofi osuahu mu ahu sɛ Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu mfe a ɛreba no mu tumi. 6 Ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsan aba bio sɛ wommenu wɔn ho, efisɛ, wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu n’anim ase akyerɛ.
7 Onyankopɔn hyira asase a ɛnom nsu a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifide yɛ yie ma wɔn a wɔn nti woduae no. 8 Na sɛ nsɔe ne wura hunu fifi so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.
9 Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba. 10 Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a woyɛe anaa ɔdɔ a wodaa no adi maa no ne mmoa a wode boaa w’afɛfo Kristofo na wugu so de boa wɔn no. 11 Nea yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛtoa ne mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no. 12 Yɛmpɛ sɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ sɛ yehu mo sɛ gyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.
Abraham so nhwɛso
13 Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa nea wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14 Ɔkaa ntam no se, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mehyira wo na mama w’ase adɔ.” 15 Na Abraham wɔ boasetɔ nti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kae.
16 Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17 Onyankopɔn pɛe sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa n’atirimsɛm nti, ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no den.
18 Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa a Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenkita yɛn anidaso no mu dennen na yɛatumi adu saa anidaso no ho.
19 Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ sɛkyɛ wɔ yɛn koma mu. Etim hɔ na ɛhyɛn mu de kosi ntwamtam no mu. 20 Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ ɔsɔfo panyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfo kwan nhyehyɛe te no.
Hebrews 6
Evangelical Heritage Version
Moving On Toward Maturity
6 Therefore, leaving the beginning discussion of Christ, let us press on toward matters that require greater maturity, not laying again the foundation of repentance from dead works, of faith in God, 2 of the teaching about baptisms,[a] of the laying on of hands, of the resurrection of the dead, and of eternal judgment. 3 And we will do this, if God permits.
4 For it is impossible for those who were once enlightened, who have tasted the heavenly gift and shared in the Holy Spirit, 5 who have tasted the good word of God and the powers of the coming age, 6 and who then fell away, to be restored to repentance because[b] they are crucifying the Son of God again, to their own harm, and exposing him to public ridicule.
7 For the land that drinks the rain that often falls on it and produces plants useful to those farming it, this land receives a blessing from God. 8 But the land that grows thorns and thistles is worthless and will soon be cursed—its end is to be burned.
9 But even if we speak this way, we are confident of better things for you, dear friends, things belonging to salvation. 10 For God is not unjust. He will not forget your work and the love that you showed for his name’s sake, when you served the saints, and while you continue to serve them. 11 And we want each of you to continue to show the same eagerness, so that you may have the full assurance of your hope until the end. 12 Our goal is that you would not become lazy but imitators of those who inherited the promise through faith and patient endurance.
God’s Promise Is Sure
13 For God made a promise to Abraham, and since God had no one greater to swear by, “He swore by himself.”[c] 14 He said, “I will most certainly bless you and make you increase in number.”[d] 15 And so in this way, after Abraham had waited patiently, he received the promise.
16 To be sure, people swear by someone who is greater, and the oath serves as a confirmation for them that ends all disputes. 17 Because God wanted to show the heirs of the promise with even greater certainty that his plan was unchangeable, he guaranteed his promise with an oath. 18 He did this so that, through two unchangeable things (in which it is impossible that God would lie), we, who have fled for refuge by taking hold of this hope that is held out to us, might have strong encouragement.
19 We have this hope as an anchor for the soul. It is sure and firm, and it goes behind the inner curtain, 20 where Jesus entered ahead of us on our behalf, because he became a high priest forever like Melchizedek.
Footnotes
- Hebrews 6:2 Or washings
- Hebrews 6:6 Or while
- Hebrews 6:13 Genesis 22:16
- Hebrews 6:14 Genesis 22:17
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
The Holy Bible, Evangelical Heritage Version®, EHV®, © 2019 Wartburg Project, Inc. All rights reserved.