Add parallel Print Page Options

Paulo yi ne ho ano

10 Me, Paulo a, sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛw na sɛ minni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, na mitu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyefo no din mu sɛ: Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye sɛ me bo betumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no so. Ɛyɛ nokware sɛ, yɛte wiase nanso yennyina wiasesɛm so wɔ yɛn ko mu. Akode a yɛde ko no mfi wiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akode a ano yɛ den a yebetumi de asɛe atamfo mpampin a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu. Yɛsɛe akwansiwde biara a etia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo. Sɛ mo setie wie pɛyɛ na mosan yɛ asoɔden ɔkwan biara so a, yɛbɛtwe mo aso.

Sɛnea nneɛma te no ara na muhu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka se, ɔyɛ Kristo de? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ efisɛ, yɛn nso yɛyɛ Kristo de sɛnea ɔno nso yɛ ne de no. Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na munnyin na memmfa nnsɛe mo no bɛhoahoa me ho. Mempɛ sɛ mudwen sɛ mede me nkrataa a mekyerɛw mo no rehunahuna mo.

10 Obi bɛka se, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ yaw nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!” 11 Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonoe biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛkyerɛw bere a yenni mo nkyɛɛ no, ne nea sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu.

12 Ɛyɛ nokware, yerentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafo! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn.

13 Yɛn de, yɛn ahohoahoa no ntra beae bi. Yɛn ahohoahoa no ntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no. 14 Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu nti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a, yɛantra. 15 Eyi nti yɛmfa adwuma a nkurɔfo ayɛ atra Onyankopɔn beae a wahyɛ so no nhoahoa yɛn ho. Nea yɛrepɛ ne sɛ mo gyidi ase betim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beae a Onyankopɔn ahyɛ no.

16 Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman foforo so a yɛremfa adwuma a obi nim yɛ a ɔfoforo ayɛ no nhoahoa yɛn ho.

17 Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ ade a Awurade ayɛ mu.” 18 Efisɛ, ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu.