Add parallel Print Page Options

NKYƐM A ƐTO SO ABIƐSA

NNWOM 73-89

Onyankopɔn atɛntrenee

73 Onyankopɔn ye ma Israel ne wɔn a wɔn koma mu tew ampa ara. Nanso anka mereyɛ apa abaw; me gyidi sae koraa, efisɛ, sɛ mihu sɛ nneɛma rekɔ yiye ma ahantanfo ne amumɔyɛfo a, na m’ani abere. Wonhu honam mu yaw; wosi pi si ta. Wonhu amane sɛnea afoforo hu no. Ɔhaw nto wɔn sɛnea ɛto afoforo no. Enti wɔhyɛ ahantan sɛ konmude, ne basabasa sɛ atade. Wɔn koma hwie bɔne gu, na amumɔyɛ adwene ahyɛ wɔn adwene ma. Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye. Wɔyɛ ahantan na wodwen ɔkwan a wɔbɛfa so ahyɛ wɔn so. Wɔka bɔne fa Onyankopɔn a ɔte soro ho, na wɔahyɛ nnipa a wɔwɔ asase so ahantan so.

10 Ɛyɛ saa ma Onyankopɔn nkurɔfo dan kɔ wɔn afa, na wɔde ahopere gye wɔn nsɛm a wɔka biara di. 11 Wɔka se, “Onyankopɔn renhu. Ɔsorosoroni no renhwehwɛ mu da.” 12 Saa na amumɔyɛfo te. Wɔwɔ pii, na wonya pii ka ho. 13 Tew a matew me ho kronn a menyɛɛ bɔne biara no ho nni mfaso anaa? 14 O Onyankopɔn, woama mahu amane fi anɔpa kosi anwummere. Anɔpa biara wotwe m’aso. 15 Sɛ meka saa asɛm no bi a, anka merenyɛ sɛ wo nnipa no mu baako. 16 Midwen saa ɔhaw yi ho, nanso na ɛboro me so 17 kosii sɛ mekɔɔ wofi hɔ. Ɛhɔ na metee nea ɛbɛba amumɔyɛfo no so.

18 Wode wɔn begu baabi a ɛhɔ yɛ toro, na woama wɔahwe ase akɔ ɔsɛe mu! 19 Wɔsɛe wɔn prɛkopɛ na wɔn awiei ayɛ pasaa. 20 Wɔte sɛ ɔdae a etwam anɔpa; sɛ wosɔre a, O Awurade, wɔyera.

21 Bere a na m’adwene yɛ bɔne na me nkatede yɛ opira no, 22 na magyimi sɛ aboa; mante wo ase. 23 Nanso, na mete bɛn wo pɛɛ na wode wo nsa soo me mu. 24 Wonam w’akwankyerɛ so kyerɛɛ me kwan na ewiee akyiri no, woagye me anuonyam so. 25 Ɛdɛn na mewɔ wɔ soro ka wo ho? Manya wo yi, dɛn bio na mehwehwɛ wɔ asase so? 26 M’adwene ne me nipadua begugow nanso, Onyankopɔn ne m’ahoɔden. Ɔno na ne ho hia me daa.

27 Wɔn a wogyae wo no bɛyera. Wobɛsɛe wɔn a wonni no nokware.

28 Nanso me de, minim sɛ wobɛn Onyankopɔn na wopɛ ogye wɔ Otumfoɔ Awurade no nkyɛn na wopae mu ka nea wayɛ nyinaa a, ɛyɛ anwonwasɛm.