Nnwom 56
Nkwa Asem
Onyankopɔn mu ahotoso mpaebɔ
56 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, efisɛ, mewɔ ɔtaa ase; m’atamfo taa me bere nyinaa. 2 Efi anɔpa kosi anadwofa nyinaa, m’atamfo ba me so. Dodow no ara ko tia me.
3 Sɛ mebɔ hu a, O Awurade Tumfoɔ, mede me ho to wo so. 4 Mede me ho to Onyankopɔn so enti minsuro. Mekamfo no wɔ nea wahyɛ ho bɔ no ho. Ɛdɛn na ɔdasani teta betumi ayɛ ama me? 5 M’atamfo haw me da mu no nyinaa. Bere biara, wɔfa adwene a wɔnam so bepira me! 6 Wɔboa wɔn ho ano wɔ nkokoam hwɛ biribiara a meyɛ pɛ sɛ wokum me. 7 Twe wɔn aso, O Onyankopɔn, wɔ wɔn amumɔyɛ ho. Di saa nnipa no so wɔ w’abufuw mu.
8 Wunim ɔhaw a mewɔ mu. Woabu me nusu a agu ano. Wonhyehyɛɛ no wo nhoma mu?
9 Ɛda a misu frɛ wo no, ɛda no na wobɛma m’atamfo asan wɔn akyi. Minim eyi; Onyankopɔn wɔ m’afa. 10 Awurade a mekamfo ne bɔhyɛ no. 11 Ne mu na me gyidi wɔ enti merensuro. Ɛdɛn na ɔdasani teta betumi ayɛ ama me? 12 O Onyankopɔn, mede nea mahyɛ wo ho bɔ no bɛma wo. Mɛbɔ wo aseda afɔre 13 efisɛ, woagye me afi owu ne nkogu mu. Enti menam Onyankopɔn anim wɔ hann a ɛhyerɛn wɔ ateasefo so no mu.
Psalm 56
New International Version
Psalm 56[a]
For the director of music. To the tune of “A Dove on Distant Oaks.” Of David. A miktam.[b] When the Philistines had seized him in Gath.
1 Be merciful to me,(A) my God,
for my enemies are in hot pursuit;(B)
all day long they press their attack.(C)
2 My adversaries pursue me all day long;(D)
in their pride many are attacking me.(E)
3 When I am afraid,(F) I put my trust in you.(G)
4 In God, whose word I praise—(H)
in God I trust and am not afraid.(I)
What can mere mortals do to me?(J)
5 All day long they twist my words;(K)
all their schemes are for my ruin.
6 They conspire,(L) they lurk,
they watch my steps,(M)
hoping to take my life.(N)
7 Because of their wickedness do not[c] let them escape;(O)
in your anger, God, bring the nations down.(P)
8 Record my misery;
list my tears on your scroll[d](Q)—
are they not in your record?(R)
9 Then my enemies will turn back(S)
when I call for help.(T)
By this I will know that God is for me.(U)
10 In God, whose word I praise,
in the Lord, whose word I praise—
11 in God I trust and am not afraid.
What can man do to me?
Footnotes
- Psalm 56:1 In Hebrew texts 56:1-13 is numbered 56:2-14.
- Psalm 56:1 Title: Probably a literary or musical term
- Psalm 56:7 Probable reading of the original Hebrew text; Masoretic Text does not have do not.
- Psalm 56:8 Or misery; / put my tears in your wineskin
Psalm 56
King James Version
56 Be merciful unto me, O God: for man would swallow me up; he fighting daily oppresseth me.
2 Mine enemies would daily swallow me up: for they be many that fight against me, O thou most High.
3 What time I am afraid, I will trust in thee.
4 In God I will praise his word, in God I have put my trust; I will not fear what flesh can do unto me.
5 Every day they wrest my words: all their thoughts are against me for evil.
6 They gather themselves together, they hide themselves, they mark my steps, when they wait for my soul.
7 Shall they escape by iniquity? in thine anger cast down the people, O God.
8 Thou tellest my wanderings: put thou my tears into thy bottle: are they not in thy book?
9 When I cry unto thee, then shall mine enemies turn back: this I know; for God is for me.
10 In God will I praise his word: in the Lord will I praise his word.
11 In God have I put my trust: I will not be afraid what man can do unto me.
12 Thy vows are upon me, O God: I will render praises unto thee.
13 For thou hast delivered my soul from death: wilt not thou deliver my feet from falling, that I may walk before God in the light of the living?
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.