Add parallel Print Page Options

Paulo ne atoro asomafo

11 Mewɔ anidaso sɛ, sɛ meyɛ nkwaseade koraa a, mubegye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. Metwe mo ho ninkunu sɛnea Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabun a, mahyɛ ɔbarima baako pɛ bi a, ɔno ne Kristo no bɔ sɛ mede mo bɛma no aware. Misuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mubegyae sɛnea Ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no. Mode anigye gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforo a ɔnyɛ nea yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mugye honhom no ne asɛmpa a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.

Minnye nni sɛ mofa me sɛ meyɛ “Asomafo” no mu abomfiaa. Ebia m’ano ntew de, nanso m’adwene mu abue. Ɔkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase.

Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akorɔn. Bɔne a meyɛe ne sɛ meyɛɛ saa? Bere a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforo bi na na wotua me ka. Na miwia wɔn de boa mo. Bere a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menhaw mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛnea na ɛte mmere a atwam no, saa ara nso na daakye bɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. 10 Kristo nokwaredi a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka m’ahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. 11 Adɛn nti na meka saa? Efisɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo. 12 Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no mprempren yi sɛnea ɛbɛyɛ a saa “asomafo” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wodi no te sɛ yɛn dwuma a yedi no pɛ.

13 Saa nnipa no nyɛ nokware asomafo. Wɔyɛ atoro asomafo a wɔnam twa atoro wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafo. 14 Ɛnyɛ me nwonwa, efisɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdan yɛ sɛ hann. 15 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ n’asomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ.

Paulo hoahoa ne ho

16 Miti mu ka bio se: ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mususuw saa a, ɛnne munnye me sɛnea mubegye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho. 17 Asɛm a mereka yi nyɛ nea Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. 18 Nanso esiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa. 19 Mo ankasa mo ani atew nti mode anigye gye nkwaseafo. 20 Mugye obi a ɔhyɛ mo so anaa nea onya mo ho biribi anaa nea osum mo firi anaa nea ommu mo anaa nea ɔbɔ mo ani so. 21 Mefɛre sɛ megye eyi ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛw na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, ɛnne na mekasa sɛ ɔkwasea; me nso metumi ahoahoa me ho wɔ dekode no ho bi.

22 Wɔyɛ Hebrifo anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo anaa? Me nso meyɛ bi.

23 Wɔyɛ Kristo asomfo anaa? Mekasa sɛ ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn pii; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso. 24 Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum. 25 Romafo bɔɔ me mmaa mpɛn abiɛsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔe mpɛn abiɛsa. Midii nsu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn. 26 M’akwantu ahorow mu, mihyiaa nsuyiri ne akwanmukafo. Mihuu amane wɔ Yudafo ne Amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu ɛpo so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane. 27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ. 28 Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm yɛ me asɛnhia. 29 Sɛ obi yɛ mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. Sɛ obi ka ɔfoforo kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ how.

30 Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu. 31  Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. 32 Bere a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ ɔhene Areta ase no maa awɛmfo wɛn kurow no pon pɛe sɛ wɔkyere me. 33 Nanso wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasu bi a apae tokuru mu de me sii fam ma miguan fii ne nsam.

Paul and the False Apostles

11 I hope you will put up with(A) me in a little foolishness.(B) Yes, please put up with me! I am jealous for you with a godly jealousy. I promised you to one husband,(C) to Christ, so that I might present you(D) as a pure virgin to him. But I am afraid that just as Eve was deceived by the serpent’s cunning,(E) your minds may somehow be led astray from your sincere and pure devotion to Christ. For if someone comes to you and preaches a Jesus other than the Jesus we preached,(F) or if you receive a different spirit(G) from the Spirit you received, or a different gospel(H) from the one you accepted, you put up with it(I) easily enough.

I do not think I am in the least inferior to those “super-apostles.”[a](J) I may indeed be untrained as a speaker,(K) but I do have knowledge.(L) We have made this perfectly clear to you in every way. Was it a sin(M) for me to lower myself in order to elevate you by preaching the gospel of God(N) to you free of charge?(O) I robbed other churches by receiving support from them(P) so as to serve you. And when I was with you and needed something, I was not a burden to anyone, for the brothers who came from Macedonia supplied what I needed.(Q) I have kept myself from being a burden to you(R) in any way, and will continue to do so. 10 As surely as the truth of Christ is in me,(S) nobody in the regions of Achaia(T) will stop this boasting(U) of mine. 11 Why? Because I do not love you? God knows(V) I do!(W)

12 And I will keep on doing what I am doing in order to cut the ground from under those who want an opportunity to be considered equal with us in the things they boast about. 13 For such people are false apostles,(X) deceitful(Y) workers, masquerading as apostles of Christ.(Z) 14 And no wonder, for Satan(AA) himself masquerades as an angel of light. 15 It is not surprising, then, if his servants also masquerade as servants of righteousness. Their end will be what their actions deserve.(AB)

Paul Boasts About His Sufferings

16 I repeat: Let no one take me for a fool.(AC) But if you do, then tolerate me just as you would a fool, so that I may do a little boasting. 17 In this self-confident boasting I am not talking as the Lord would,(AD) but as a fool.(AE) 18 Since many are boasting in the way the world does,(AF) I too will boast.(AG) 19 You gladly put up with(AH) fools since you are so wise!(AI) 20 In fact, you even put up with(AJ) anyone who enslaves you(AK) or exploits you or takes advantage of you or puts on airs or slaps you in the face. 21 To my shame I admit that we were too weak(AL) for that!

Whatever anyone else dares to boast about—I am speaking as a fool—I also dare to boast about.(AM) 22 Are they Hebrews? So am I.(AN) Are they Israelites? So am I.(AO) Are they Abraham’s descendants? So am I.(AP) 23 Are they servants of Christ?(AQ) (I am out of my mind to talk like this.) I am more. I have worked much harder,(AR) been in prison more frequently,(AS) been flogged more severely,(AT) and been exposed to death again and again.(AU) 24 Five times I received from the Jews the forty lashes(AV) minus one. 25 Three times I was beaten with rods,(AW) once I was pelted with stones,(AX) three times I was shipwrecked,(AY) I spent a night and a day in the open sea, 26 I have been constantly on the move. I have been in danger from rivers, in danger from bandits, in danger from my fellow Jews,(AZ) in danger from Gentiles; in danger in the city,(BA) in danger in the country, in danger at sea; and in danger from false believers.(BB) 27 I have labored and toiled(BC) and have often gone without sleep; I have known hunger and thirst and have often gone without food;(BD) I have been cold and naked. 28 Besides everything else, I face daily the pressure of my concern for all the churches.(BE) 29 Who is weak, and I do not feel weak?(BF) Who is led into sin,(BG) and I do not inwardly burn?

30 If I must boast, I will boast(BH) of the things that show my weakness.(BI) 31 The God and Father of the Lord Jesus, who is to be praised forever,(BJ) knows(BK) that I am not lying. 32 In Damascus the governor under King Aretas had the city of the Damascenes guarded in order to arrest me.(BL) 33 But I was lowered in a basket from a window in the wall and slipped through his hands.(BM)

Footnotes

  1. 2 Corinthians 11:5 Or to the most eminent apostles