Add parallel Print Page Options

Kristo mu nkwagye yɛ adom

Kan no, esiane mo asoɔden ne mo bɔne nti, na moawuwu wɔ honhom mu. Saa bere no na mudi bɔne a ɛwɔ wiase no akyi. Mutiee nea odi wim atumfo so a ɛnnɛ yi ɔno na odi wɔn a wontie Onyankopɔn asɛm no so no. Nokwarem, na yɛn nyinaa te sɛ wɔn na yɛtenaa ase maa yɛn ho, yɛɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ biara. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so saa ara.

Nanso Onyankopɔn ahummɔbɔ ne ne dɔ a ɔdɔ yɛn no so efisɛ, yɛn asoɔden nti, yewuwuu wɔ honhom mu no, ɔde yɛn ne Kristo baa nkwa mu. Onyankopɔn adom nti na wɔagye mo nkwa. Baako a yɛne Kristo Yesu yɛe no nti, ɔma yɛne no sɔree sɛ yɛne no nni soro so. Ɔyɛɛ eyi de daa ne dɔ a ɔbɛda no adi akyerɛ yɛn wɔ Yesu Kristo mu wɔ nna a ɛrebɛba no mu no adi.

Onyankopɔn adom nti na monam gyidi mu anya nkwa. Emfi mo ara mo nneyɛe mu na mmom efi Onyankopɔn akyɛde mu. Biribiara a aba no mfi mo nneyɛe mu nti morentumi nhoahoa mo ho. 10 Onyankopɔn ne yɛn Yɛfo na yɛne Kristo Yesu baakoyɛ mu, wabɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie agu hɔ sɛ yɛmmɛyɛ no.

11 Mo a wɔwoo mo Amanamanmufo a Yudafo, wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafo, na wɔfrɛ mo wɔn a wontwaa twetia a ɛkyerɛ nea na nnipa yɛ wɔn honam no, monkae sɛnea na mote bere a atwam no. 12 Saa bere no, na moatew mo ho afi Kristo ho. Na moyɛ ahɔho a monka wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ho. Na munni apam a ne fapem gyina ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo no mu kyɛfa biara. Na mote wiase ha a munni anidaso na munnim Onyankopɔn.

13 Nanso, afei, mo a na anka mowɔ akyirikyiri no nam baako a mo ne Kristo Yesu ayɛ no ne Kristo wu no so atwiw abɛn.

14 Efisɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafo ne Amanamanmufo ayɛ no so de asomdwoe aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu ɔfasuw a na etwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfo no. 15 Ɔnam ne mmara so atwa Yuda Mmara no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obefi nnipa horow abien no mu anya nnipa foforo a wɔne no yɛ baako na ɛnam so de asomdwoe aba. 16 Kristo nam ne wu a owui asɛnnua no so no tɔree ɔtan ase. Ɔnam asɛnnua no so kaa aman abien no bɔɔ mu ma wɔbɛyɛɛ nipadua koro san de wɔn baa Onyankopɔn nkyɛn. 17 Enti Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho no kyerɛɛ wɔn nyinaa. Ɔka kyerɛɛ mo Amanamanmufo a na mommɛn Onyankopɔn no ne mo Yudafo a na mobɛn Onyankopɔn no nyinaa. 18 Kristo nti na yɛn nyinaa, Yudafo ne Amanamanmufo, nam Honhom koro so tumi ba Agya no anim.

19 Enti mprempren, mo Amanamanmufo no, monyɛ ahɔho bio; mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusuafo no mu.

20 Mo nso wɔde mo asi fapem a asomafo no ne adiyifo no toe a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatibo no so. 21 Ɔno na okita ɔdan no afaafa nyinaa mu na ɔhwɛ ma enyin bɛyɛ Awurade asɔredan kronkron no. 22 Mo ne no aka abom nti, wɔasi mo ne afoforo nyinaa afra sɛ ɔdan baako a Onyankopɔn nam ne Honhom so te mu.