Nnwom 58
Nkwa Asem
Mpae a wɔbɔ ma Onyankopɔn twe amumɔyɛfo aso
58 Ampa ara sɛ mo atumfoɔ mubu atɛntrenee? Mubu nnipa nyinaa atɛn pɛpɛɛpɛ? 2 Dabi! Mudwen amumɔyɛ a mubetumi nko ara ho na moayɛ bɔne akɛse wɔ asase no so. 3 Amumɔyɛfo fom daa wɔ wɔn nkwa nna mu. Wodi atoro fi da a wɔde woo wɔn. 4 Bɔre ahyɛ wɔn ma te sɛ awɔ. Wosisiw wɔn aso te sɛ ɔprammini sotifo 5 a ɔnte ɔwɔ ntafowayifo no nne, anaa nkonyaayifo a ɔyɛ den dwom.
6 Bubu saa agyata a wɔn ho yɛ hu yi se, O Onyankopɔn. 7 Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuansu; ma wɔnyam wɔn sɛ wura a egu kwan mu. 8 Ma wɔnyɛ sɛ nwaw a amanaman fa wɔn. Ma wɔnyɛ sɛ abanoma a owu awoe na onhu hann. 9 Ansa na wobehu no na wɔatwa wɔn sɛ wura, na Onyankopɔn abufuw mu, obehuw wɔn agu wɔ bere a wɔte ase.
10 Sɛ wɔtwe nnebɔneyɛfo aso a, atreneefo ani begye. Wɔbɛnantew afa amumɔyɛfo no mogya mu. 11 Nnipa bɛka se, “Ampa ara wɔatua atreneefo ka na, nokware, Onyankopɔn a obu wiase atɛn wɔ hɔ.”
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.