Font Size
Nnwom 122
Nkwa Asem
Nnwom 122
Nkwa Asem
Yerusalem nkamfo
122 Wɔka kyerɛɛ me se, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no, m’ani gyei. 2 Afei yegyina Yerusalem apon mu wɔ ha. 3 Yerusalem yɛ kurow a ɛyɛ fɛ na asomdwoe wɔ mu. 4 Ɛha na mmusuakuw no fi, Israel mmusuakuw no a, wɔrebɛda Awurade ase sɛnea n’ahyɛde no te no. 5 Israelhene tena ase bu ne nkurɔfo atɛn.
6 Bɔ asomdwoe mpae ma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso. 7 Ma asomdwoe mmra wo man mu na banbɔ mmra w’ahemfi.” 8 M’abusuafo ne me nnamfo nti, meka kyerɛ Yerusalem se, “Asomdwoe nka wo!” 9 Yɛn Awurade Nyankopɔn nti, mebɔ mpae srɛ nkɔso ma wo.
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.