Font Size
Nnwom 87
Nkwa Asem
Nnwom 87
Nkwa Asem
Kamfo a wɔkamfo Yerusalem
87 Awurade kyekyeree ne kurow wɔ bepɔw kronkron so; 2 Israel baabiara nni hɔ a ɔpɛ sen Yerusalem.
3 Tie, Onyankopɔn kurow, nsɛm nwonwa a ɔka fa wo ho se, 4 “Sɛ merehyehyɛ nkurow a wotie me din a, mede Misraim ne Babilonia bɛka ho. Mɛkan wɔn afra Yerusalem ne Filisti ne Tiro ne Sudanfo mu.” 5 Wɔka fa Sion ho se aman nyinaa yɛ ne de na Otumfoɔ bɛhyɛ no den. 6 Awurade bɛkyerɛw nnipa din na ɔde wɔn aka ho sɛ Yerusalem. 7 Wɔto dwom saw, se, “Sion ne baabi a nhyira fi ba.”
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.