Add parallel Print Page Options

Ɔsoro pon a wɔabue

Miduu ha no, minyaa anisoadehu foforo a mihuu ɔsoro pon sɛ abue. Na ɛnne bi teɛɛm sɛ torobɛnto a mate sɛ ebi akasa akyerɛ me pɛn no na ɛkae se, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɛbɛba eyi akyi.”

Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahengua bi si soro hɔ a obi te so. Na n’anim hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo ne mogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabamonobo atwa ahengua no ho ahyia. Na ahengua nketewa aduonu anan atwa ahengua kɛse no ho ahyia a mpanyimfo aduonu anan tete so a wɔhyehyɛ ntade fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw. Na anyinam ne aprannaa bobɔm fi ahengua no mu. Na akanea ason a wɔasosɔ redɛw wɔ ahengua no anim. Eyinom yɛ Onyankopɔn ahonhom ason. Na biribi te sɛ ahwehwɛ po a ɛyɛ kurunyenn sɛ ahwehwɛ da ahengua no anim. Ahengua no fa biara, na ateasefo baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahengua no ho ahyia. Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata; nea ɔto so abien no te sɛ nantwi ba; nea ɔto so abiɛsa no anim te sɛ onipa; ɛnna nea ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a ɔretu. Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia a ani tuatua akyi ne anim nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom se, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.”

Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte hɔ daa daa no anuonyam de ma no nidi da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, 10 mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte hɔ daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se, 11 “Yɛn Awurade ne Nyankopɔn; wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi, efisɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”