Add parallel Print Page Options

Ɔsoro foforo ne asase foforo

21 Afei mihuu ɔsoro foforo. Ɔsoro foforo no ne asase foforo no yerae, ɛnna po no nso yerae. Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo sɛ efi Onyankopɔn hɔ wɔ soro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforoyere a ɔrekohyia ne kunu.

Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. Na ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio; na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwam.”

Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi efisɛ, saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.” Na ɔkɔɔ so kae se, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, mfitiase ne awiei no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa. Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne aguamanfo ne adutufo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu a, ɛyɛ owuprenu no mu.”

Yerusalem foforo no

Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma no mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayefofoyere a ɔyɛ Oguammaa no yere no.”

10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi soro, Onyankopɔn hɔ reba fam, 11 a ɛrehyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu. Na kurow no hyerɛn sɛ aboɔdenbo, sɛ ahwehwɛbo a emu sɛ ahwehwɛ. 12 Na ne fasuw no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso a ɛwɔ apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ apon no so. Apon no so na wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu nnipa din. 13 Ɛfa biara na apon abiɛsa na ɛwɔ hɔ - abiɛsa wɔ apuei; abiɛsa wɔ anafo; abiɛsa wɔ atifi ɛnna abiɛsa wɔ atɔe. 14 Wosii kurow no afasuw sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguammaa no asomafo dumien no din wɔ so no so.

15 Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no wɔ sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde besusuw kurow no, n’apon ne ne fasuw. 16 Na kurow no ayi ahinanan pɛpɛɛpɛ a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ akwansin apem ne ahanum na ne tɛtrɛtɛ, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔbɔfo no susuw afasuw no nso a na ne sorokɔ yɛ nammɔn ahanu ne dunsia sɛnea na saa bere no nsusuwii a ɔbɔfo no nam so kae no te no.

18 Ahwehwɛbo na ɔde too afasuw no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ amapa a ɛyɛ hyɛnn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toe. 19 Wɔde aboɔdenbo ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien yɛ hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo.

20 Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammonobo. Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikaberebo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopɔbibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ owusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo.

21 Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Apon no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten kɛse yɛ sika amapa, kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.

22 Na wonhu asɔredan wɔ kurow no mu baabiara efisɛ, na wɔsom Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ ne Oguammaa no baabiara. 23 Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no efisɛ, na Onyankopɔn ne Oguammaa no anuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman sodifo bɛba abɛhyɛ no anuonyam. 25 Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da hɔ. Efisɛ, sum nnuru wɔ hɔ. 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu. 27 Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.