Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn nhyehyɛe aba mu

10 Afei mihuu ɔbɔfo tumfoɔ bi a ofi soro resian ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. Na nhoma ketewaa bi kita no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so. Ɔteɛɛm maa ne nne woroo so sɛ gyata. Ɔfrɛe no, aprannaa ason no woroo so gyee so.

Wɔkasae pɛ, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii soro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kae no nka wo tirim. Nkyerɛw!”

Ɛhɔ ara, ɔbɔfo a mihui sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie n’ahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ n’asomfo a wɔyɛ adiyifo no.”

Afei nne a metee sɛ efi soro no kasa kyerɛɛ me bio se, “Kɔ na kogye nhoma a wabue mu a ekita ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no.”

Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewaa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso w’anom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.”

10 Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee na ɛyɛɛ dɛ te sɛ wo wɔ m’anom. Nanso memenee no akyi, ɛkekae wɔ me yam.

11 Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.”