Add parallel Print Page Options

Yesu ne Nikodemo

Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafo mpanyin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsan yɛ Farisini no, kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, efisɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” Yesu buaa no se, “Merema woate ase sɛ, sɛ wɔanwo wo foforo a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”

Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, betumi akɔ me na yam ama wɔawo me bio?”

Yesu nso buaa no se, “Mereka nokware akyerɛ wo, sɛ wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Nea wofi onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na nea wofi Honhom mu awo no no, yɛ honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ maka se, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforo! Sɛnea wote mframa nka nanso wuntumi nkyerɛ faako a efi ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awo no nso te.”

Nikodemo bisaa no se, “Eyi ase ne dɛn? Mente ase.” 10 Yesu buaa no se, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfo a wudi mu Israel na wonte eyi ase? 11 Nea yenim ne nea yɛahu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso munnye yɛn nni. 12 Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mubegye adi? 13 Obiara nkɔɔ soro da gye me Onipa Ba no a mifi soro bae no.

14 “Sɛnea Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ sare so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so, 15 na obiara a ogye me di no, obenya nkwa a enni awiei. 16 Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera na wanya nkwa a enni awiei. 17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no sɛ, ommegye wiase nkwa.

18 “Obiara a ogye Ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ, wannye Onyankopɔn Ba koro no anni. 19 Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ, wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne. 20 Ɔdebɔneyɛfo biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, efisɛ, osuro sɛ ne nneyɛe bɔne no bɛda adi. 21 Na nea ɔyɛ Onyame apɛde no ba Hann no mu na obiara ahu sɛ ɔyɛ Onyame apɛde.”

Yohane di Yesu ho adanse

22 Eyi akyi, Yesu ne n’asuafo no fi Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. 23 Saa bere no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. 24 Saa bere no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase.

25 Da bi, Yohane akyidifo bi ne Yudani bi gyee akyinnye faa ahodwira ho. 26 Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”

27 Yohane buae se, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte sɛɛ gye sɛ Onyame ka ne ho. 28 Mo ara mudi me adanse sɛ meka kyerɛɛ mo se, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no na mmom wɔasoma me adi n’anim kan.’ 29 Adamfo a ɔboa ayeforokunu no wɛn n’aso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, n’ani gye. Ɛno nti na m’anigye wie pɛyɛ no. 30 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse na me nso meyɛ ɔketewa. 31 Nea ofi soro aba no yɛ ɔkɛse sen obiara; nea ofi asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32 Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate nanso, obiara nnye no nni. 33 Wɔn a wogye no di no di adanse sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. 34 Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. 35 Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. 36 Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no, rennya nkwa a ɛnsa da na mmom Onyankopɔn asotwe da ne so.”