Add parallel Print Page Options

Yesu asɔre

20 Kwasida anɔpahema, Maria Magdalene sɔre kɔɔ da no so kohui sɛ obi apirew ɔbo no afi ɔboda no ano.

Ohuu saa no, ɔde ahoɔhare kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afi ɔda no mu na minnim faako a wɔde no akɔto!”

Petro ne saa osuani yi tee asɛm no no, wotuu mmirika kɔɔ ɔda no so. Nanso saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho koduu hɔ kan. Oduu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu hui sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. Simon Petro de, obeduu hɔ no, owuraa ɔboda no mu. Ohuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ egu hɔ, a dukuu a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii. Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria Magdalene

10 Afei asuafo no fii hɔ kɔɔ fie, 11 nanso Maria de, na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ogu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, 12 na ohuu ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anaafo wɔ faako a na Yesu amu no da no.

13 Wobisaa no se, “Ɔbea, adɛn na wɔresu sɛɛ yi?” Maria de awerɛhow buae se, “Nnipa bi abɛfa m’Awurade na minnim faako a wɔde no akɔto.”

14 Afei otwaa n’ani hwɛɛ n’akyi na ohui sɛ na obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu nanso na onnim sɛ ɛyɛ ɔno.

15 Yesu bisaa no se, “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?” Na Maria de osusuw sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, obisaa no se, “Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”

16 Yesu frɛɛ no se, “Maria!” Maria twaa n’ani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, “Rabuni!” a ase ne “Kyerɛkyerɛfo.”

17 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nso me mu, efisɛ, minnya nkɔɔ m’agya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ m’asuafo no se, meresan akɔ m’agya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn.”

18 Maria Magdalene fii hɔ kɔbɔɔ asuafo no amanneɛ se wahu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ n’asuafo

19 Saa da no ara anwummere a na esiane Yudafo mpanyin no ho hu nti asuafo no ato wɔn ho pon mu no, Yesu baa ɔdan no mu hɔ kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” 20 Okyiaa wɔn wiei no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei yiye.

21 Yesu san kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo.” Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22 Eyi akyi ɔhome guu wɔn so kae se, “Honhom kronkron no mmra mo so. 23 Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Toma

24 Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafo no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no nni hɔ bi. 25 Bere a asuafo no ka kyerɛɛ no se wɔahu Awurade no, wannye anni kae se, “Sɛ manhu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.”

26 Nnawɔtwe akyi, asuafo no san hyiae bio a na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu san baa hɔ kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!”

27 Afei Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no se, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnye bio. Gye di!”

28 Toma de ahonu kae se, “Wo ne m’Awurade ne me Nyankopɔn!”

29 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye me di.”

30 Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bebree kyerɛɛ n’asuafo no a wɔankyerɛw wɔ saa nhoma yi mu. 31 Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.