Add parallel Print Page Options

Mfe apem ahenni

20 Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi soro reba fam a na okita ebun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi. Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem. Ɔbɔfo no tow no kyenee ebun no mu too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nnaadaa aman bio kosi sɛ mfe apem no betwam. Ɛno akyi wobegyaa no kakra.

Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so. Wɔmaa wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔakunkum wɔn no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔmfaa aboa no agyiraehyɛde nhyɛɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyirae. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi.

Eyi ne awufosɔre a edi kan. Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.

Mfe apem no akyi, wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ; na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano anhwea de wɔn akɔ sa. Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi soro bɛsɛee wɔn.

10 Ɛnna wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no too ogya tare ne sɔfere a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayaade awia ne anadwo daa daa.

Atemmu a etwa to

11 Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne soro yerae wɔ n’anim a wɔanhu bio. 12 Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, ɛnna wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te, ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no. 13 Afei ɛpo nso dan n’awufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. 14 Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. 15 Na obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.