Add parallel Print Page Options

Kɔkɔbɔ

Me nuanom, sɛ moyɛ gyidifo wɔ Awurade Kristo anuonyam mu yi, monnyɛ animhwɛ.

Sɛ ebia ɔdefo a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa aba mo nhyiam ase, na ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadegow nso aba. Sɛ wode nidi ma nea wasiesie ne ho yiye no, na woka kyerɛ no se, “Tena saa akongua pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso se, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, wudi fɔ sɛ wugyina atemmu a efi adwemmɔne mu de nyiyim abɛto mo mu no ho.

Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo! Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.

Eye sɛ mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. Na sɛ mugyina nnipa ahosiesie so na egye wɔn a, mudi ho fɔ na Mmara no tia mo sɛ mmara so bufo.

10 Obiara a obu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. 11 Efisɛ, nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so.

12 Sɛ woyɛ Kristo apɛde o, sɛ woanyɛ n’apɛde o, wobebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye. 13 Efisɛ, obi a wanhu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmu mu no, wɔrenhu no mmɔbɔ. Mmɔborɔhunu di atemmu so nim.

14 Me nuanom, sɛ obi ka se, “Mewɔ gyidi” na onni gyidi no ho dwuma a, ade pa bɛn na onya? Saa gyidi no betumi agye no nkwa anaa? 15 Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntama ho hia wɔn na wonni aduan dodow nso a wobedi. 16 Sɛ wokɔka kyerɛ wɔn se, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye” na woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn?

17 Saa na gyidi te. Sɛ ɛtew ne ho a nneyɛe nka ho a, na awu.

18 Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.” Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.”

19 Wugye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Eye! Ahohommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu. 20 Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo se gyidi a nneyɛe mmata ho no ho nni mfaso anaa?

21 Ɛyɛɛ dɛn na Abraham nyaa anuonyam wɔ Onyankopɔn anim? Ɛnam ne nneyɛe mu sɛ ɔde ne ba Isak mae wɔ afɔremuka so no. 22 Wuhu sɛ ne gyidi ne ne nneyɛe nyinaa redi dwuma na ne nneyɛe no maa ne gyidi no dii mu. 23 Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo. 24 Eyi da no adi pefee sɛ onipa nneyɛe so na ɔnam nya anuonyam wɔ Onyankopɔn anim na ɛnnam ne gyidi nko so.

25 Saa ara na ɛte wɔ aguaman Rahab ho. Ne nneyɛe ma onyaa Onyankopɔn anim anuonyam, efisɛ, ogyee Yudafo bi a wɔasoma wɔn, boaa wɔn ma woguan faa ɔkwan foforo bi so.

26 Sɛnea nipadua a honhom nni mu wu no, saa ara nso na gyidi a nneyɛe mmata ho no nso wu.