Add parallel Print Page Options

Asafo mpanyimfo

Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa. Asafopanyin yɛ obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ogye ahɔho wɔ ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa na mmom ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefo. Ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma yɛ osetie de obu ne nidi ma no. Na sɛ obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?

Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ ma wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a asafo mma no akyi no, wobu no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu n’anim ase na ɔbonsam afiri renyi no.

Asafo mu aboafo

Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo. Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no. 10 Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.

11 Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wonni nseku. Biribiara mu, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware. 12 Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafo no wɔ yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye. 13 Wɔn a wɔyɛ adwuma pa no nya din pa na wɔde nnam ka gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no ho asɛm.

14 Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi, mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn. 15 Na sɛ mannu wo nkyɛn ntɛm a, saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asafo a ɛyɛ nokware nnyinaso no mu.

16 Ɛyɛ nokware pefee sɛ ɔkwan a wɔfa so tena ase kronn no nyɛ mmerɛw. “Ɔbae sɛ onipa tebea, Honhon no kyerɛɛ no kwan pa maa abɔfo huu no. Ɔkaa Asɛmpa no amanaman so, maa wiase gyee no dii na wɔfaa no kɔɔ soro.”