Add parallel Print Page Options

Munsiesie mo ho mma Awurade ba

Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi. Efisɛ, mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo. Bere a nnipa bɛka se, “Biribiara yɛ asomdwoe” no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrenguan. Ɛbɛyɛ te sɛ yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no.

Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fi mo mu sɛ ɔkorɔmfo. Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforo no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa. Nanso yɛyɛ adekyee mma nti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.

Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yemmehu amane wɔ n’abufuw ano na mmom, oyii yɛn sɛ yɛmfa Awurade Yesu Kristo 10 a owu maa yɛn no sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba na sɛ yɛawu o sɛ yɛte ase o, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. 11 Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.

Afotu ne nkyia

12 Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ, momfa obu ne nidi mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wonni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. 13 Esiane adwuma a wɔyɛ no nti, mummu wɔn na monnɔ wɔn yiye. Montena ase asomdwoe mu.

14 Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ, monkasa nkyerɛ anihafo, monka wɔn a wɔnyɛ hyew no hyew; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw; montɔ mo bo ase mma wɔn nyinaa. 15 Monhwɛ sɛ obi mfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara, momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.

16 Momma mo ani nnye da biara 17 na bere biara nso, mommɔ mpae; 18 biribiara mu monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.

19 Monnka Honhom Kronkron no nnhyɛ; 20 munnsi adiyisɛm atwetwe. 21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye, 22 na munkyi bɔne biara. 23 Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu. 24 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.

25 Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.

26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.

27 Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nhoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.

28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.