Add parallel Print Page Options

Asetena a ɛsɔ Onyankopɔn ani

Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ, musuaa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ, monyɛ mma ɛmmoro nea moreyɛ mprempren no mu. Munim nkyerɛkyerɛ a ɛnam Awurade Yesu tumi nti, yetumi kyerɛkyerɛɛ mo. Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho. Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne anuonyam so. Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ wɔn a wonnim Onyankopɔn.

Onyankopɔn akyide no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko gye ne yere, efisɛ, sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe n’aso denneenen sɛnea yɛadi kan abɔ mo kɔkɔ no. Onyankopɔn amfrɛ yɛn sɛ yɛmmɛbɔ aguaman na mmom ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛntena ase ahotew mu. Ɛno nti, obiara a ɔbɛpo nkyerɛkyerɛ no ntia onipa na mmom, otia Onyankopɔn a ɔma mo Honhom Kronkron no.

Ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafo no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho. 10 Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa. 11 Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔhoma sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no. 12 Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn.

Awurade ba no

13 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no. 14 Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio enti yɛwɔ gyidi sɛ wɔn a wogyee Yesu dii na wowuwui no, Onyankopɔn de saa nnipa no bɛka Yesu ho.

15 Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan. 16 Awurade no ankasa de nteɛm a ɔbɔfo panyin no nso nne a Onyankopɔn torobɛnto nne ka ho fi soro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan, 17 na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. 18 Enti, momfa saa asɛm yi nkyekye obiara werɛ.