Add parallel Print Page Options

15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidi mu no tumi boa wɔn a wɔn gyidi sua no na wɔatumi agyina wɔn haw ano. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi de ma yɛn ho. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara boa ne nua wɔ ne yiyedi mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ ne gyidi den. Efisɛ, Kristo anyɛ amma ne ho. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nsɛm a wɔkae bere a wɔrebɔ wo adapaa no aba me so.” Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.

Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no, mmoa mo mma munni Kristo Yesu nhwɛso no so na moatumi anya saa nsusuw pa no bi, sɛnea ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de nne koro bɛkamfo Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.

Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea Kristo agye mo no. Efisɛ, meka kyerɛɛ mo se, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛe sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, na wama Amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Eyi nti, mɛkamfo wo wɔ Amanamanmufo mu na mato dwom akamfo wo din.”

10 Na ɛka bio se, “Mo Amanamanmufo, mo ne me manfo nni ahurisi!”

11 Na bio, “Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ; aman nyinaa nkamfo no!”

12 Na bio Yesaia ka se, “Yisai aseni bɛsɔre abedi Amanmanmufo so; ɔno na wɔn ani bɛda no so.”

13 Esiane gyidi a mowɔ wɔ ne mu no nti, Onyankopɔn a anidaso fi no no, bɛma mo ani agye na moanya asomdwoe sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi mu no nti, mo anidaso bɛkɔ so anyin.

Paulo asɛnka

14 Me nuanom, m’ankasa mete nka sɛ, ade payɛ ne osuahu a ɛma mutumi kyerɛkyerɛ afoforo no ahyɛ mo ma. 15 Nanso saa krataa yi mu no, masi me bo wɔ nneɛma bi a mabɔ mo ho kɔkɔ wɔ ho pɛn no ho. Esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti na ama me bo ayɛ duru, 16 sɛ meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma ma Amanamanmufo no. Mesom sɛ ɔsɔfo, ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a Amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no de ama no. 17 Me ne Kristo ayɛ baako yi, afei, mitumi hoahoa me ho wɔ Onyankopɔn som mu. 18 Mesi me bo aka nea Kristo nam me so de nsɛm ne nneyɛe ama madi Amanamanmufo anim, 19 nam nsɛnkyerɛnne tumi ne Honhom no tumi so ama wɔatie Onyankopɔn nkutoo. Enti m’akwantu a mitu mifii Yerusalem baa Iliriko no ama maka asɛmpa a ɛfa Kristo ho no nyinaa.

20 Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, sɛnea ɛbɛyɛ a merento me fapem wɔ obi de so, 21 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.”

Paulo yɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Roma

22 Esiane saa asɛm yi nti, nneɛma pii siw me kwan a ɛmma memma mo nkyɛn. 23 Nanso mprempren a mawie m’adwuma wɔ saa amantam yi mu no, na afei mfe pii ni a meperee sɛ mɛba abehu mo no, 24 mepɛ sɛ meba mprempren ara. Sɛ merekɔ Spania a, mɛpɛ sɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ hɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no.

25 Mprempren ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no.

26 Efisɛ, asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu. 27 Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso, nokwarem, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo Honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ Amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no. 28 Sɛ miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi hɔ makɔ Spania. Na sɛ merekɔ a, medu mo hɔ mabɛsra mo. 29 Sɛ meba mo nkyɛn a, minim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.

30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me. 31 Mommɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ wɔn a wonnye Onyankopɔn nsɛm no nni no mu wɔ Yudea, na mesom a mesom wɔ Yerusalem no, Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no agye atom. 32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo.

33 Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.