Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn mpaa ne manfo akyi

11 Afei mibisa se Onyankopɔn atow ne man akyene anaa? Dabida. M’ankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mifi Benyamin abusua mu.

Onyankopɔn mpoo ne manfo a oyii wɔn mfitiase no. Munim nea Kyerɛwsɛm no ka fa Elia ho sɛ ogyina Onyankopɔn anim kasa tia Israelfo no se, “Awurade, wɔakum w’adiyifo na wɔadwiriw w’afɔremuka, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wokum me” no.

Mmuae bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kae se, “Mewɔ nnipa mpemnsɔn a wɔnsom ɔbosom Baal.”

Saa ara nso na ɛte nnɛ. Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. Oyi a wayi wɔn no gyina n’adom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a oyi nnipa no gyina wɔn nwuma so a, ɛnne na adom no nyɛ adom turodoo.

Ɛnne na ɛne dɛn? Nea Israelfo tiw akyiri hwehwɛe no, wɔn nsa anka, na mmom kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no de, wɔn nsa kae. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn koma.

Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn maa wɔn koma pirimii na wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa.”

Na Dawid ka se, “Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso! 10 Ma wɔn aniwa nnuru sum na wɔanhu ade; na wɔn bɔne nti, ma wonhu amane daa.”

11 Afei, mibisa se, bere a Yudafo yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛe mu anaa? Dabi! Amanamanmufo nam Yudafo no bɔne a wɔyɛe no so nyaa nkwagye. Eyi maa Yudafo no twee wɔn so ninkunu. 12 Yudafo no bɔne a wɔyɛe no de nnepa brɛɛ wiase na wɔn honhom mu hia a wodii no nso de ahonya brɛɛ Amanamanmufo. Na ɛba sɛ Yudafo no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmoroso bɛn na ɛremma.

Amanamanmufo nkwagye

13 Afei merekasa akyerɛ mo Amanamanmufo: Esiane sɛ meyɛ Amanamanmufo somafo nti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. 14 Sɛ ebetumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafo no kɔn adɔ nea mo Amanamanmufo nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. 15 Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne wiasefo aka abom a, ɛnne sɛ Onyankopɔn twe wɔn bata ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn? Ɛbɛyɛ nkwa ama awufo.

16 Sɛ wɔde paanoo sin ma Onyankopɔn a, ɛnne na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ wɔde dua ntini ma Onyankopɔn a, na n’abaa no yɛ ne dea.

17 Wɔapompan ngo dua a wɔahyɛ da adua no abaa no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛ da annua no abaa abɛhyɛ n’ananmu. Mo Amanamanmufo no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua nanso afei de mo ne Yudafo no nyinaa nyaa Onyankopɔn dom a wɔde adom wɔn no pɛ.

18 Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ mubu abaa a wɔapompan no animtia. Ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Moyɛ abaa kɛkɛ; ntini no nnan mo na mo na modan ntini no.

19 Na mobɛka se, “Yiw, wobubuu abaa no sɛ wɔmfa me nsi wɔn ananmu.”

20 Ɛyɛ nokware, wobubuu wɔn ma wɔde mo sii wɔn ananmu, efisɛ, na wonnye nni, nanso mo de, mugye di nti na mowɔ hɔ. Nanso munnnwen ho ahantan mu, mmom munsuro na montɔ mo bo ase. 21 Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafo a wɔte sɛ ngo dua pa abaa no bɔne ankyɛ wɔn a, mususuw sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo?

22 Ɛha na yehu Onyankopɔn ayamye ne ne den a ɔyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔahwe ase no so, nanso sɛ mokɔ so tena ase wɔ n’ayamye mu de a, obehu mo mmɔbɔ. Na sɛ moantena n’ayamye mu de a, ɛnne ɔbɛpan mo. 23 Na sɛ Yudafo no gyae wɔn gye a wonnye nni no a, ɔbɛsan de wɔn asi wɔn dedaw mu, efisɛ, Onyankopɔn betumi de wɔn akosi wɔn sibere bio. 24 Mo Amanamanmufo no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua a wɔapan na wɔde akɔfam ngo dua a wɔahyɛ da adua no dutan ho. Yudafo te sɛ ngo dua a wɔahyɛ da adua. Na ɛrenyɛ Onyankopɔn den sɛ ɔde abaa a wɔapan no bɛsan afam ne dutan ho.

Onyankopɔn hu nnipa nyinaa mmɔbɔ

25 Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ muhu. Ɛbɛma mo ani ada mo ho so na moannaadaa mo ho sɛ moyɛ anyansafo. Saa ahintasɛm no ni. Israelfo koma pirim no nyɛ ade a ɛbɛtena hɔ daa, na mmom ɛbɛtena hɔ akosi sɛ Amanamanmufo nyinaa bɛdan de wɔn ho ama Onyankopɔn. 26 Na saa kwan yi so na Israelfo nam benya nkwagye. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Agyenkwa no befi Sion aba, na wobeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu. 27 Sɛ mepopa wɔn bɔne a, apam a me ne wɔn bɛpam no ni.”

28 Esiane sɛ Yudafo apo Asɛmpa no nti, mo Amanamanmufo nti, wɔayɛ Onyankopɔn atamfo. Esiane agyanom ho dɔ a Onyankopɔn nam so de yii wɔn no nti, wɔyɛ ne nnamfonom. 29 Sɛ Onyankopɔn yi obi hyira no a, ɔnsesa n’adwene wɔ ne ho. 30 Na mo Amanamanmufo de, bere a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn nanso afei de, moanya Onyankopɔn adom, efisɛ, Yudafo no nso yɛɛ asoɔden. 31 Saa ara nso na esiane adom a moanya no nti, mprempren, Yudafo no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso Onyankopɔn bɛdom wɔn. 32 Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam so bɛma wɔn nyinaa nsa aka ne dom.

Nhyira

33 O Onyankopɔn, ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyihwehwɛ nwie da. 34 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Hena na onim Awuade adwene anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo? 35 Anaasɛ hena na ɔmaa no biribi kan na watua no so ka?” 36 Efisɛ, ade nyinaa fi ne mu na ɛnam ne so ba na ɛkɔ ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.