Add parallel Print Page Options

NKYƐM A ƐTO SO ANAN

NNWOM 90-106

Onyankopoɔn ne onipa

90 O Awurade, wo na daa nyinaa woayɛ yɛn tenabea. Ansa na wɔrebɛbɔ nkoko anaa wiase no, na woyɛ Onyankopɔn teasefo, na wobɛyɛ Onyankopɔn daa daa.

Woka kyerɛ onipa se ɔnkɔ ne tebea dedaw mu. Wosesaa no ma ɔbɛyɛɛ mfutuma. Mfe apem yɛ wo sɛ da koro. Wofa no sɛ nnera a etwaam no; anaa anadwo mu dɔnhwerew tiaa bi. Wosoaa yɛn kɔe sɛ nsuyiri; yɛntena hɔ nkyɛ sɛ ɔdae mpo. Yɛte sɛ afifide a yɛyɛ frɔmm anɔpa na enyin na ɛyɛ fɛfɛ na ɛwo na ewu anwummere. W’abufuw asɛe yɛn. W’abufuw abɔ yɛn hu. Wode yɛn bɔne gu w’anim; wuhu yɛn kokoam bɔne nyinaa. W’abufuw twa yɛn nkwa nna so; ɛpa te sɛ asomsɛm.

10 Yɛn mfirihyia mu nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow. Ɛnkyɛ na nkwa asa na yɛkɔ. 11 Hena na waka w’abufuw mu tumi nyinaa ahwɛ da? Hena na onim ehu ko a ɛwɔ w’abufuw mu?

12 Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte, na yɛanya nyansa koma. 13 W’abufuw bɛkyɛ akosi bere bɛn? O Awurade, hu w’asomfo mmɔbɔ! 14 Anɔpa biara, fa wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no hyɛ yɛn mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛto dwom na yɛn ani agye wɔ yɛn nkwanna nyinaa mu. 15 Mprempren, ma yɛn ahotɔ te sɛ nea mfe a yɛwɔ ahoyeraw mu no woma yedii awerɛhow no pɛ. 16 Ma yɛn a yɛyɛ w’asomfo nhu wo nneyɛe a tumi wɔ mu no, na ma yɛn asefo nhu w’anuonyam mu tumi no. 17 Awurade yɛn Nyankopɔn, wo nhyira mmra yɛn so. Nea yɛyɛ biara, ma ɛnyɛ ye.