Add parallel Print Page Options

Dwom a wɔto ɔman amanehunu bere mu

89 O Awurade, daa mɛto wo dɔ a wowɔ daa no ho dwom; mɛda wo nokware no adi daa daa. Minim sɛ wo dɔ no bɛtena daa nyinaa, na wo nokware no tim hɔ te sɛ wim.

Wokae se, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam; mahyɛ me somfo Dawid bɔ. Daa w’aseni na ɔbɛyɛ ɔhene. Mɛhwɛ w’abusua so daa daa.”

Ɔsorofo to anwonwade a woyɛ ho dwom; wɔto wo nokware ho dwom, Awurade. Obi nni soro a ɔte sɛ wo, Awurade. Ɔsorofo no biara sɛso nte sɛ wo. Wodi wo ni w’atreneefo agyinatufo mu, na wɔde suro gyina w’anim. Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ, obi kɛseyɛ nsen wo. Biribiara mu, O Awurade, woyɛ ɔnokwafo.

Wo na wudi ɛpo ne tumi nyinaa so. Wobrɛ n’asorɔkye ase. 10 Wububu ɔtɔfo Rahab kum no. Wonam w’ahoɔden so dii w’atamfo so. 11 Ɔsoro ne asase yɛ wo dea. Wobɔɔ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 12 Wobɔɔ atifi ne anafo. Bepɔw Tabor ne Bepɔw Hermon to dwom ma wo di ahurusi. 13 Wo tumi so! W’ahoɔden nso so!

14 Wokyekyeree w’aheman wɔ trenee ne nokware so. Ɔdɔ ne nokware da adi wɔ nea woyɛ biara mu. 15 Wɔn a wɔto nnwom de som wo no ahotɔ yɛ bebree. Saa ara nso na ɛte wɔ wɔn a wɔte adɔe hann mu no! 16 Esiane wo nti, wɔn ani gye da mu no nyinaa na wɔkamfo wo wɔ wo papayɛ ho. 17 Woma yedi nkonim akɛse; wo dɔ mu na yedi nkonim no. 18 O Awurade, wo na wuyii ɔhwɛfo maa yɛn. O, Israel Nyankopɔn Kronkron, na womaa yɛn yɛn hene.

19 Tete no, anisoadehu mu, woka kyerɛɛ wo somfo nokwafo no se, “M’aboa ɔsraani a wagye din no; mede ahengua no ama obi a mayi no afi nnipa no mu. 20 Mede ngo kronkron asra m’akoa Dawid de akyerɛ sɛ ɔno na masi no ɔhene. 21 M’ahoɔden bɛka ne ho daa; me tumi bɛma no ahoɔden. 22 N’atamfo rentumi nni ne so da. Amumɔyɛfo rentumi nni ne so. 23 Mebubu n’atamfo na makum obiara a ɔtan no. 24 Mɛdɔ no na madi no nokware. Mɛma no adi nkonim daa. 25 Mɛtrɛw n’ahemman mu fi po mu kosi Asu Efrata mu. 26 Ɔbɛka akyerɛ me se, “Wone m’agya ne me Nyankopɔn; wone me hwɛfo ne m’agyenkwa.

27 Mɛyɛ no m’abakan, ahene no mu nyinaa ɔkɛseɛ. 28 Medi bɔ a mɛhyɛ no no so daa. Na apam a me ne no apam no nso, bɛtena hɔ daa daa. 29 N’abusua bɛtena hɔ daa daa te sɛ wim. N’aseni na daa ɔbɛyɛ ɔhene. 30 Nanso sɛ n’asefo anni me mmara so na sɛ wɔantena ase sɛnea me mmara te, 31 sɛ wobu me mmara so na wɔanni me mmara so a, 32 ɛnne, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na mɛma wɔahu amane wɔ wɔn mfomso ho. 33 Nanso merennyae dɔ a mede dɔ Dawid no na meremmu bɔ a mehyɛɛ no no so. 34 Apam a me ne no hyɛe no nso, meremmu so, na bɔ a mehyɛɛ no no nso, merenyi mu baako mpo. 35 Menam me din kronkron no so ahyɛ no bɔ prɛko. Merentwa Dawid atoro da. 36 Obenya asefo daa na mɛhwɛ n’ahemman so mmere dodow a owia bɔ yi. 37 Ɛbɛyɛ afebɔɔ sɛ ɔsram, ɔdansefo nokwafo a ɔwɔ wim no.”

Nkogu a ɔhene dii ho agyaadwotwa

38 Nanso wo bo afuw ɔhene a wuyii no no; woatew wo ho afi ne ho na woapa no. 39 Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no atow n’ahenkyɛw ato atɛkyɛ mu. 40 Woabubu ne kurow no afasuw nyinaa agu fam ama n’abankɛse nyinaa ayɛ amamfo. 41 Wɔn a wotwam wɔ hɔ wia n’agyapade. N’afipamfo serew no. 42 Wode nkonim no ama n’atamfo. Woama wɔn nyinaa anya ahotɔ. 43 Woama n’akode ayɛ ɔkwa, ama wobedi no so wɔ ɔko mu. 44 Woagye n’adehye akyeampoma atow n’ahengua akyene fam. 45 Woama wabɔ akwakoraa mono de aniwu akata ne ho.

Ogye mpaebɔ

46 Awurade, wode wo ho besie afebɔɔ? W’abufuw bɛhyew sɛ ogya akosi da bɛn? 47 Kae tiaa a me nkwa nna yɛ. Kae sɛ wobɔɔ yɛn nyinaa sɛ adasamma! 48 Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani atew ne ho afi damoa ho?

49 Awurade, wo dɔ a na wowɔ kan no ho nsɛnkyerɛnne bi wɔ he? Bɔ a wohyɛɛ Dawid no bi wɔ he? 50 Mma wo werɛ mmfi kasatia a me a meyɛ wo somfo, wɔkasa tia me no ne sɛnea minya boasetɔ ma abosonsomfo nnome no. 51 W’atamfo kasa tia wo hene a woayi no no, O Awurade! Baabiara a ɔbɛfa no, wɔkasa tia no.

52 Kamfo Awurade daa daa!

Amen! Amen!