Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn fi anigyina

84 Awurade Tumfoɔ, medɔ wo fi no dodo.

Mepɛ sɛ meba hɔ. M’ani agyina sɛ meba Awurade fi. Mede me nipadua nyinaa to ahosɛpɛw dwom ma Onyankopɔn teasefo no. Mpatiperɛw anwene wɔn birebuw na nsonfena nso wɔ wɔn afi. Wɔde wɔn mma sie wɔ w’afɔremuka ho, Otumfoɔ Awurade, me hene ne me Nyankopɔn. Wɔn a wɔte wo fi hɔ no wɔ ahotɔ. Daa wɔto nnwom kamfo wo.

Wɔn a wonya ahoɔden fi wo nkyɛn no wɔ ahotɔ, na wɔpɛ sɛ wɔkɔfrɛ wo wɔ Sion Bepɔw so. Wɔfa ɔtare bon a ayow kesee no mu a ɛdan asuten, na anɔpabosu hyɛ no nsu ma ma. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔn ho reyɛ den; wobehu Onyankopɔn mu anyame wɔ Sion.

Tie me mpaebɔ, Awurade Nyankopɔn. Tie, O Yakob Nyankopɔn. Hyira yɛn hene, O Onyankopɔn; ɔhene a woayi no no.

10 Da koro pɛ a wodi wɔ wo fi no ye sen sɛ wobedi no baabi foforo biara mpɛn apem. Megyina me Nyankopɔn fi pon ano sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo fi mu.

11 Awurade ne yɛn hwɛfo ne ɔhene onuonyamfo a ɔde adɔe ne anuonyam hyira yɛn. Ɔmpopo ne ti wɔ ade pa biara a ɔde ma atreneefo ho. 12 Awurade Tumfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho to wo so wɔ ahotɔ pa ara mu.