Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn ne ne nkurɔfo

78 Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ na monyɛ aso mma asɛm a meka no. Mede abebu rebɛkyerɛ mo anwonwade a esii tete no mu; nneɛma a yɛate na yɛahu; nneɛma a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Yɛremfa nkame yɛn mma; yɛbɛka Awurade tumideyɛ ne anwonwade a wayɛ akyerɛ nkyirimma. Ɔmaa Israelfo mmara na ɔde ahyɛde nso maa Yakob asefo. Ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom se wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ne mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɛba saa a, wɔn nso de wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, na ɛremma wɔn werɛ mfi nea wayɛ, na daa wobedi ne mmara no so. Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom adɔnyɛfo ne asoɔdenfo a wɔn gyidi a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no antim da, nanso wɔantena ase sɛ nokwafo amma no.

Efraimfo a wokitakita nnyan ne ne ntadua no guanee ɔko da no. 10 Wɔanni wɔne Onyankopɔn apam no so; wɔampɛ sɛ wodi ne mmara no so. 11 Wɔn werɛ fii anwonwade a wohui sɛ wayɛ no. 12 Bere a na wɔn nenanom rehwɛ Onyankopɔn no, na ɔno nso reyɛ anwonwade wɔ Soan a ɛwɔ Misraim no. 13 Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsu no gyinae sɛ afasuw. 14 Ɔnam omununkum mu dii wɔn anim awia ne anadwo, kanea gya mu. 15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ bepɔw so, na onyaa nsu fii mu de maa wɔn. 16 Ɔmaa asuwa bɛtɔɔ ɔbotan no mu maa nsu sen fii mu sɛ asuten. 17 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn na bepɔw no so, wɔsɔre tiaa ɔsorosoroni no. 18 Wɔboapa bisaa aduan a wɔpɛ de sɔɔ Onyankopɔn hwɛe. 19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se, “Onyankopɔn betumi ama aduan wɔ sare so anaa? 20 Ɛwom sɛ ɔbɔɔ ɔbotan mu maa nsu pii sen fii mu, na obetumi ama yɛn abodoo na wama ne nkurɔfo nam nso?” 21 Enti Onyankopɔn tee no, ne bo fuwii, na ɔde ogya kɔɔ ne nkurɔkfo so, na n’abufuw a ɛwɔ wɔn so no mu yɛɛ den 22 efisɛ, na wonni ne mu gyidi sɛ obetumi agye wɔn nkwa. 23 Nanso ɔkasa kyerɛɛ soro; ɔhyɛ maa n’apon buei. 24 Ɔtɔɔ mana ma wodii. 25 Enti wodii abɔfo aduan, na Onyankopɔn maa wɔn nea ehia wɔn nyinaa.

26 Bio, ɔmaa apuei mframa bɔe, na ne tumi mu, ɔhwanyanee anadwo mframa, 27 na ɔmaa ne nkurɔfo nnomaa a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano anhwea. 28 Wɔtetew guguu ntamadan no mu ne ho nyinaa. 29 Enti nnipa we mee. Onyankopɔn maa wɔn nea wɔhwehwɛ. 30 Nanso, wɔn ani ansɔ nea wɔhwehwɛ no nyinaa ho a na wogu so didi 31 bere a Onyankopɔn ani beree wɔn so na okum mmarima ahoɔdenfo a na wodi mu wɔ Israel no. 32 Eyinom nyinaa akyi, na bɔne ara na nnipa no reyɛ; n’anwonwade no nyinaa akyi, wɔamfa wɔn ho anto ne so. 33 Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ɔhome na wɔn nkwa yɛɛ sin prɛkopɛ.

34 Bere biara a obekum wɔn mu bi no, nkae no dan ba ne nkyɛn; wɔbɛsesa abɔ no mpae dennen. 35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn hwɛfo, na Otumfoɔ no bɛboa wɔn. 36 Nanso na wɔn nsɛm no nyinaa yɛ atoro. Nsɛm a wɔka no mu biara nyɛ nokware. 37 Na wonni no nokware; na wonni wɔne n’apam no nokware. 38 Nanso na Onyankopɔn wɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo. Ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn na wansɛe wɔn. Mpɛn pii ɔkoraa nabufuw so na wanna n’abufuw adi. 39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ adasamma te sɛ mframa a ɛbɔ na etwam no.

40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare so hɔ, na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow! 41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe adekyee ne adesae nam so de yaw brɛɛ Israel Nyankopɔn Kronkron no. 42 Wɔn werɛ fii ne tumi kɛse no ne da a ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, 43 wɔ Soan tawtaw so a ɛwɔ Misraim no. 44 Ɔmaa nsu dan mogya a na Misraimfo nnya nsu nnom. 45 Ɔmaa nwansena baa wɔn so bɛhaw wɔn na mpɔtorɔ nso bɛsɛee wɔn asase.

46 Ɔmaa mmoadabi bedii wɔn mfuduan de sɛee wɔn mfuw. 47 Ɔde asukɔtweaa bɛsɛee wɔn bobe na ɔde sukyerɛmma sɛee wɔn ankye nnua. 48 Ɔde asukɔtweaa kum wɔn anantwi ɛnna ɔde anyinam kum wɔn nguan. 49 Ɔnam n’abufuw a ano yɛ den a ɛbae te sɛ owu asomafo no maa ɔhaw kɛse baa wɔn so. 50 Wamfa n’abufuw ansie, na wamfa wɔn nkwa nso ankyɛ wɔn. Mmom, ɔmaa ɔyaredɔm bekum wɔn. 51 Okum Misraimfo mmakan nyinaa.

52 Afei odii ne nkurɔfo anim te sɛ oguanhwɛfo de wɔn faa sare no so. 53 Odii wɔn anim dwoodwoo, enti na wonsuro. Nanso ɛpo asorɔkye bɛbɔ faa wɔn atamfo so. 54 Ɔde wɔn baa n’asase kronkron no ne mmepɔw a ɔko dii so no so. 55 Ɔpamoo nnipa a na wɔte hɔ no de hɔ maa ne nkurɔfo. Ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu de maa Israel mmusuakuw no de wɔn afi maa ne nkurɔfo no.

56 Nanso wɔsrɔre tiaa Onyankopɔn tumfoɔ sɔɔ no hwɛe. Wɔanni ne mmara so. 57 Na mmom, wɔsɔre tiaa no na wɔanni nokware sɛ wɔn agyanom, wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so a, ɛnyɛ ye te sɛ agyan a akyeakyea no. 58 Wɔn abosonsom hyɛɛ no abufuw, na wɔn ahoni a na wɔsom no maa ne bo fuwii.

59 Onyankopɔn hui no, ne bo fuwii enti ɔpoo ne nkurɔfo no koraa. 60 Ogyaw ne ntamadan wɔ Silo, faako a na ɔte wɔ wɔn mu no. 61 Ɔmaa yɛn atamfo faa Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi ne n’anuonyam agyiraehyɛde no. 62 Ne bo fuwii ɔno ara ne nkurɔfo enti ɔmaa wɔn ara wɔn atamfo kunkum wɔn. 63 Wokum mmerante wɔ ɔsa mu, enti na mmabaa nnya kunu nware. 64 Asɔfo wuwui basabasayɛ mu na wɔamma wɔn akunafo no kwan amma wɔansu. 65 Akyiri yi, Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu. Na ɔte sɛ ɔhoɔdenfo a nsa ahyɛ no den. 66 Odii wɔn so nea edi kan ne nea etwa to hyɛɛ wɔn aniwu, pamoo wɔn. 67 Nanso ɔpoo Yosef asefo. Efraim abusua nso, wamfa wɔn. 68 Na mmom, oyii Yuda ne Sion Bepɔw a na ɔpɛ n’asɛm no. 69 Ɛhɔ na osii ne fi te sɛ ne soro fi. Ɔyɛɛ no den te sɛ asase pɛ a etim hɔ daa. 70 Oyii ne somfo Dawid a ɔfrɛɛ no fii nguan adidibea hɔ no; 71 ɔno na ɔhwɛɛ ne nguan so na ɔyɛɛ no Israel hene ne Onyankopɔn nkurɔfo so oguanhwɛfo. 72 Dawid de ne koma ne ne nyansa nyinaa hwɛɛ wɔn.