Add parallel Print Page Options

Mmoa mpae

70 Gye me nkwa, O Onyankopɔn! Awurade, boa me mprempren! Ma wonni wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no so na ma wɔn adwene nyɛ basabasa. Ma wɔn a esiane me haw nti wɔatɔ wɔn no, nsan wɔn akyi na wongu wɔn anim ase. Ma wɔn a wodi me ho fɛw no mfa wɔn nkogu so mma wɔn koma ntu. Ma wɔn a wɔba wo nkyɛn no ani nnye na wɔn ho nsɛpɛw wɔn. Ma wɔn a wɔda wo nkwagye no so ase no nka daa se, “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!” Mayɛ mmerɛw na minni ɔboafo; bra me nkyɛn ntɛm, O Onyankopɔn. Wone m’agyenkwa, O Awurade; yɛ ntɛm bɛboa me.