Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn mu ahotoso mpaebɔ

56 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, efisɛ, mewɔ ɔtaa ase; m’atamfo taa me bere nyinaa. Efi anɔpa kosi anadwofa nyinaa, m’atamfo ba me so. Dodow no ara ko tia me.

Sɛ mebɔ hu a, O Awurade Tumfoɔ, mede me ho to wo so. Mede me ho to Onyankopɔn so enti minsuro. Mekamfo no wɔ nea wahyɛ ho bɔ no ho. Ɛdɛn na ɔdasani teta betumi ayɛ ama me? M’atamfo haw me da mu no nyinaa. Bere biara, wɔfa adwene a wɔnam so bepira me! Wɔboa wɔn ho ano wɔ nkokoam hwɛ biribiara a meyɛ pɛ sɛ wokum me. Twe wɔn aso, O Onyankopɔn, wɔ wɔn amumɔyɛ ho. Di saa nnipa no so wɔ w’abufuw mu.

Wunim ɔhaw a mewɔ mu. Woabu me nusu a agu ano. Wonhyehyɛɛ no wo nhoma mu?

Ɛda a misu frɛ wo no, ɛda no na wobɛma m’atamfo asan wɔn akyi. Minim eyi; Onyankopɔn wɔ m’afa. 10 Awurade a mekamfo ne bɔhyɛ no. 11 Ne mu na me gyidi wɔ enti merensuro. Ɛdɛn na ɔdasani teta betumi ayɛ ama me? 12 O Onyankopɔn, mede nea mahyɛ wo ho bɔ no bɛma wo. Mɛbɔ wo aseda afɔre 13 efisɛ, woagye me afi owu ne nkogu mu. Enti menam Onyankopɔn anim wɔ hann a ɛhyerɛn wɔ ateasefo so no mu.