Add parallel Print Page Options

Ogye ho mpaebɔ

44 Yɛate wɔ yɛn ankasa yɛn asom, O Onyankopɔn. Yɛn nenanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn; nneɛma akɛse a woyɛe wɔn bere so no nyinaa, wɔaka akyerɛ yɛn; saa tete mmere no: sɛnea wopamoo abosonsomfo na wobɔɔ wo nkurɔfo atenase wɔ wɔn asase so no, sɛnea wotwee aman foforo aso, na womaa wo de nyaa nkɔso no. Wo nkurɔfo amfa wɔn nkrante na edii asase no so. Ɛnyɛ wɔn tumi so na wɔnam dii so. Wo tumi ne w’ahoɔden, ɔka a wokae se wobɛba hɔ no na ɛdaa ɔdɔ a wodɔ wɔn no adi.

Woyɛ me hene ne me Nyankopɔn; wokyɛ wo nkurɔfo nkonimdi, na yɛnam wo tumi so di yɛn atamfo so. Memfa me ho nto m’agyan anaa me nkrante so sɛ ennye me nkwa. Nanso woagye yɛn afi yɛn atamfo nsam adi wɔn a wɔtan yɛn so.

Yɛbɛkamfo wo daa na yɛada wo ase daa daa. Nanso afei woatwe wo ho sɛ wonni yɛn so. Afei wo ne yɛn asraafodɔm no nkɔ bio. 10 Woama yɛaguan yɛn atamfo ama wɔafa yɛn agyapade. 11 Woama kwan ama wɔakum yɛn sɛ nguan. Wopetee yɛn amanfrafo nkurow so. 12 Wotɔn wo ara wo nkurɔfo aboɔmmerɛw sɛnea wɔn ho nni mfaso biara. 13 Yɛn afipamfo huu nea woyɛɛ yɛn, na wodii yɛn ho fɛw, serewee. 14 Woama yɛn anim agu ase wɔ aman anim. Wɔwosow wɔn ti de serew yɛn. 15 Daa na m’anim agu ase. Ahohora adura me 16 fi m’atamfo ne wɔn a wokyi me kasatia mu.

17 Eyinom nyinaa aba yɛn so, nanso yɛn werɛ mfi wo, na yemmuu apam a wo ne yɛn hyehyɛe no nso so. 18 Yennii wo huammɔ. Yemmuu wo mmara so. 19 Nanso wugyaa yɛn wɔ nkekaboa mu a mmoa biara mfi baabi. Wugyaa yɛn sum kabii mu. 20 Sɛ yegyaee yɛn Nyankopɔn som kɔsom anyame foforo bi a, 21 anka nea ɛbɛyɛ biara wubehu. Efisɛ, wunim yɛn nsusuwii. 22 Nanso wo nti na daa nyinaa wokum yɛn sɛ nguan no.

23 Keka wo ho, Awurade! Adɛn nti na woada? Sɔre! Nnyaw yɛn afebɔɔ saa! 24 Adɛn nti na wode wo ho ahintaw yɛn? Mma wo werɛ mmfi yɛn amanehunu ne yɛn haw! 25 Wɔapɛkyɛw yɛn wɔ fam. Yegu mfutuma mu a wodi yɛn so. 26 Bɛboa yɛn! Esiane ɔdɔ a wodɔ yɛn daa nti, gye yɛn nkwa.