Add parallel Print Page Options

Ayeyi Dwom

33 Mo a moyɛ atreneefo, nea Awurade ayɛ nti, monteɛm nni ahurusi; mo a mutie no, monkamfo no. Monna Awurade ase wɔ asanku so na momfa asanku a nhama gu so nto nnwom mma no. Monto dwom foforo mma no. Momfa nyansa mmɔ sanku no na monteɛm ahurusi so!

Awurade nsɛm yɛ nokware na ne nnwuma biara nni huammɔ. Awurade dɔ nea ɛyɛ trenee na ɛyɛ pɛ. Ne dɔ hyɛ asase so ma daa. Awurade nam ne tumi so na ɔbɔɔ soro, owia, ɔsram ne nsoromma a efi n’anom asɛm so. Ɔboaa ɛpo nyinaa ano koguu faako. Ɔtoo ɛpo hahanaa no mu wɔ n’akorae. Asase sofo nyinaa, munsuro Awurade! Wiasefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam. Ɔkasae na wɔbɔɔ asase; na ne tumi mu na biribiara bae. 10 Awurade maa amanaman nsusuwii kae. Wamma wɔanyɛ wɔn nhyehyɛe. 11 Nanso, ɔno de, ne nhyehyɛe wɔ hɔ daa. Ne botae wɔ hɔ daa nyinaa.

12 Asomdwoe nka kurow a ne Nyankopɔn ne Awurade. Nhyira nka nnipa a wayi wɔn sɛ ne de! 13 Awurade hwɛ adasamma nyinaa fi soro. 14 Ofi baabi a odi hene no hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa. 15 Onim wɔn komam na onim nea wɔyɛ nyinaa.

16 Ɛnyɛ ɔhene asraafo tumi so na ɔnam di nkonim. Ɛnyɛ ɔsraani ahoɔden so na ɔnam di nkonim. 17 Ɔsa mu apɔnkɔ ho nni mfaso wɔ nkonimdi mu. Wɔn ahoɔden ntumi nnye nkwa.

18 Awurade hwɛ wɔn a wotie no ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne dɔ no so daa. 19 Ogye wɔn fi owu mu. Ɔkɔm kɛse mu, ɔhwɛ wɔn. 20 Yɛn ani da Awurade so. Ɔyɛ yɛn guankɔbea ne yɛn boafo. 21 Ne nti, yɛn ani agye. Yegye ne din kronkron no di. 22 Ma wo dɔ a wodɔ yɛn daa no nka yɛn ho, Awurade, wɔ bere a yɛde yɛn ho to wo so yi.