Add parallel Print Page Options

Ɔtreneeni mpaebɔ

26 Bu me bem, O Awurade, efisɛ, meyɛ ade trenee na mede me ho to wo so koraa. Sɔ me hwɛ, Awurade, na hu m’adwene. Wo dɔ a wodɔ me daa no yɛ m’akwankyerɛ; wo nokware no kyerɛ me kwan daa. Me ne ahuhufo mmɔ. Me ne nyaatwomfo nni hwee yɛ. Me ne nnebɔneyɛfo mmɔ, na mekwae mifi wɔn ho. Awurade, mehohoro me nsa ma wuhu sɛ, menyɛ bɔne na meba mu betwa w’afɔremuka ho hyia, som wo. Meto aseda nnwom na mepae mu ka w’anwonwade. M’ani gye ofi a wote mu no ho, O Awurade, baabi a w’anuonyam te hɔ.

Nsɛe me mfra nnebɔneyɛfo no. Gye me fi awudifo nsam; 10 nnipa a daa wɔyɛ bɔne na daa wɔasiesie wɔn ho ama adanmudegye no.

11 Me de, meyɛ ade trenee; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

12 Amane mu, me ho nka; mekamfo Awurade wɔ ne manfo mu.