Add parallel Print Page Options

Nkonimdi mpaebɔ

20 Awurade ntie wo wɔ wo haw mu! Yakob Nyankopɔn mmɔ wo ho ban! Ɔmma wo ne mmoa mfi n’asɔrefi ne Sion Bepɔw so. Onnye w’afɔrebɔde nyinaa na ne nyinaa nsɔ n’ani. Ɔmma wo nea ehia wo, na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ ye. Na yɛateɛm adi ahurusi wɔ wo nkonimdi no ho na yɛakamfo Onyankopɔn wɔ nea wayɛ ama wo no ho. Awurade nyɛ w’abisade nyinaa mma wo.

Afei minim sɛ Awurade ma ne hene a wayi no no di nkonim. Otie no wɔ ne soro kronkron na ɔnam ne tumi so ama wadi nkonim akɛse. Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam a wɔde kɔ ɔko so, na afoforo nso de wɔn ho to wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to yɛn Awurade Nyankopɔn tumi so. Saa nnipa no hintiw, hwe ase, na yɛn de, yɛbɛsɔre agyina pintinn.

Ma ɔhene nni nkonim, O Awurade; na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.