Add parallel Print Page Options

Ayeyi dwom

149 Kamfo Awurade. To dwom foforo ma Awurade. Kamfo no wɔ ne gyidifo bagua mu.

Ma w’ani nnye, Israel, wo boafo nti. Momma mo ani nnye, Sionfo, esiane mo hene nti! Momfa asaw nkamfo ne din. Mommɔ nkyene ne nsanku nkamfo ne din.

Awurade ani gye ne nkurɔfo ho. Ɔma ɔhobrɛaseni di nkonim de hyɛ no anuonyam. Momma Onyankopɔn ani nnye wɔ wɔn nkonimdi mu na wɔnto ahosɛpɛw nnwom anadwo mu nyinaa.

Wɔrekamfo Onyankopɔn no, wɔnteɛm dennen bere a wokita wɔn nkrante nnamnnam no a, wɔde bedi aman so na wɔatwe nnipa aso na wɔakyekyere ahene wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, wɔn mpanyimfo daban nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na wɔatwe aman aso sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no. Eyi ne Onyankopɔn nkurɔfo nkonimdi.

Kamfo Awurade.