Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn Tumfoɔ nkamfo

147 Eye sɛ wɔto ayeyi dwom de kamfo Onyankopɔn; eye na ɛfata sɛ wɔkamfo no.

Awurade resesɛw Yerusalem. Ɔde wɔn a wotu fii hɔ no resan aba. Ɔsa wɔn a wɔn koma atu yare na ɔkyekyere wɔn akuru. Wadwen nsoromma dodow ne din a ɔde bɛma wɔn mu biara no ho dedaw. Yɛn Awurade so na ɔyɛ ɔkɛse; obi nte ne nyansa ase. Ɔma ahobrɛasefo so na obubu amumɔyɛfo gu fam. Monto ayeyi nnwom mma Awurade. Mommɔ nnwom wɔ sanku so mma Onyankopɔn. Ɔma omununkum trɛw ɔsoro ani; ɔma asase osu. Ɔma sare nyin mmepɔw so. Ɔma mmoa aduan na sɛ kwaakwaadabi mma su frɛ no a, ɔma wɔn aduan di. 10 N’anikade nni apɔnkɔ a wɔn ho yɛ den ne asraafo akokodurufo mu. 11 Na mmom, n’ani gye wɔn a wodi no ni ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne dɔ a ɛwɔ hɔ daa no so no ho.

12 Kamfo Awurade, O Yerusalem! Kamfo wo Nyankopɔn, O Sion! 13 Ɔma w’apon mu yɛ den; ohyira mo nkurɔfo. 14 Ɔkora mo ahye so na ɔma mo awi pa. 15 Ɔkasa kyerɛ asase. Na nea ɔka biara, wɔyɛ no ntɛm so. 16 Ɔtɔ sukyerɛmma sɛ nnaso, na ɔtrɛw obosu nsukyenee mu sɛ mfutuma. 17 Ɔtɔ asukɔtweaa sɛ mmosea. Obi ntumi nnyina awɔw a ɔde ba ano! 18 Na afei, ɔkasa ma sukyerɛmma no nan. Ɔbɔ mframa ma nsu teɛ. 19 Ɔkasa kyerɛ ne nkurɔfo. Ɔhyɛ mmara ma Israel. 20 Ɔnyɛɛ eyi mmaa aman foforo biara. Wonnim ne mmara.

Kamfo Awurade!