Add parallel Print Page Options

Anwummere mpaebɔ

141 Merefrɛ wo, Awurade, boa me mprempren! Sɛ mefrɛ wo a, gye me so. Gye me mpaebɔ sɛ aduhuam ne me nsa a mapagyaw sɛ anwummere afɔrebɔ.

Awurade, wɛn m’ano na ɔwɛmfo mmɛwɛn m’anofafa. Twe me fi bɔne a mepɛ sɛ meyɛ ho na mma memmfa me ho mmmɔ nnebɔneyɛfo wɔ wɔn amumɔyɛ mu. Na mma mennkɔ wɔn adidi ase. Onipa pa betumi atwe m’aso aka m’anim ayamye so, nanso menhwehwɛ nnebɔneyɛfo nkyɛn anuonyam efisɛ, daa mebɔ mpae tia wɔn nneyɛe bɔne no. Sɛ wɔtow wɔn ahemfo fi abotan mmepɔw so bɛhwe fam a, nnipa begye adi sɛ me nsɛm a meka no yɛ nokware. Wɔte sɛ dua a wɔapae mu na wɔatwitwa mu asinasin; saa na wɔn nnompe bɛbɔ ahwete wɔ damoa ho.

Nanso Awurade, me Nyankopɔn, mekɔ so de me ho to wo so. Mehwehwɛ wo banbɔ. Mma me nnwu! Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no mu ne nnebɔneyɛfo firi mu. 10 Ma nnebɔneyɛfo no ara firi nyi wɔn na menkɔ me baabi asomdwoe mu.