Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

130 Awurade, mifi m’aba a abu nyinaa mu refrɛ wo. Tie me sufrɛ, O Awurade; tie me frɛ, na boa me!

Sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, anka hena na obeguan atemmu? Nanso wode kyɛ yɛn nti na ɛma yetumi gyina w’abufuw ano no. Meretwɛn ahopere mu, apɛ Awurade mmoa, na mede me ho to n’asɛm so. Metwɛn Awurade ahopere so sen ɔwɛmfo a ɔretwɛn adekyee. Israel, fa wo ho to Awurade so efisɛ, ne dɔ wɔ hɔ daa, na bere biara wasiesie ne ho sɛ ɔbɛboa. Obegye ne nkurɔfo, Israelfo, afi bɔne nyinaa mu.