Add parallel Print Page Options

Mpae a wɔbɔ tia Israel atamfo

129 Israel, ka efi wo mmofraase, taa a w’atamfo ataa wo, nanso wɔantumi anni wo so kyerɛ yɛn. “Efi me mmofraase, m’atamfo ataa me atirimɔden so, nanso wɔantumi anni me so.

“Wotwaa kam kɛse te sɛ asase a wɔafuntum wɔ m’akyi. Nanso Awurade, ɔtreneeni no, agye me afi nkoasom mu.”

Obiara a ɔtan Sion no, wobedi ne so na wɔapam no asan n’akyi. Ma wɔn nyinaa nyɛ sɛ sare a enyin wɔ adan atifi ma ewu no; Obiara mmoaboa ano, na obiara nsoa no afiafi nkɔ. Obiara a obetwam wɔ hɔ no renka se, “Awurade nhyira mo! Yehyira mo wɔ Awurade din mu.”