Add parallel Print Page Options

Awurade ne ne hene a wayi no no

110 Awurade ka kyerɛɛ me wura, ɔhene, no se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo bɛhyɛ wo nan ase.”

Awurade bɛtrɛw w’adehye tumi mu afi Sion. Ɔka se, “Di w’atamfo so hene.” Na da a wobɛko atia w’atamfo no, wo nkurɔfo de wɔn ho bɛbɔ afɔre ako bi ama wo. Wo mmerante bɛba wo nkyɛn wɔ bepɔw kronkron no so sɛ anɔpa bɔw. Awurade hyɛɛ bɔ a ɔremmu so se, “Melkisedek akyi no, mo na mobɛyɛ asɔfo daa nyinaa.” Awurade wɔ wo nifa so; sɛ ne bo fuw a, obedi ahene so nkonim. Obebu aman atɛn na ɔde afunu bɛpete akono hɔ; obedi ahene a wɔwɔ asase so nyinaa so nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.