Add parallel Print Page Options

Aberante mmɔborɔni mpaebɔ

102 Tie me mpaebɔ, O Awurade, na tie me sufrɛ na boa me. Sɛ mewɔ ɔhaw mu a, nnan w’akyi nkyerɛ me! Tie me na sɛ mefrɛ a, gye me so ntɛm! Me nkwa reyera te sɛ wusiw; me nipadua rehyew te sɛ ogya. Meretwintwam sɛ sare a awo. Me kɔn nnɔ aduan. Mepene dennen. Menyɛ hwee sɛ honam ne nnompe. Mete sɛ wuram anomaa a ɔwɔ sare so. Mete sɛ ɔpatu a wɔagyaw no amamfo so. Meda hɔ a, m’ani gu so. Mete sɛ anomaa koro a osi ɔdan bi atifi.

Daa m’atamfo kasa tia me. Wɔn a wodi me ho fɛw bɔ me din de dome me. Esiane w’abufuw nti, nso ne m’aduan na me nusu fra nea menom mu. 10 Womaa me so tow me kyenee. 11 Me nkwa te sɛ anwummere sunsuma; mete sɛ sare a awo 12 nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa. Nkyirimma nyinaa bɛkae wo.

13 Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ; bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ; bere pa no ni. 14 W’asomfo dɔ no a ɛmfa ho sɛ wɔasɛe no; wohu no mmɔbɔ a ɛmfa ho sɛ wadan amamfo. 15 Aman besuro Awurade; ahene a wɔwɔ asase so nyinaa besuro ne tumi. 16 Sɛ Awurade san kyekye Sion a, ɔbɛda ne kɛseyɛ adi.

17 Obetie ne nkurɔfo a wagyaw wɔn no na watie wɔn mpaebɔ. 18 Kyerɛw nhoma a Awurade ayɛ no gu hɔ ma nkyirimma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo no. 19 Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ soro hɔ; ɔhwɛ fi soro besii asase so. 20 Ɔtee ɔpene a nneduafo pene na ɔma wogyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no. 21 Enti wɔbɛpae mu abɔ ne din wɔ Sion na wɔakamfo no wɔ Yerusalem, 22 bere a aman ne ahemman behyiam na wɔasom Awurade no.

23 Awurade ama me ayɛ mmerɛw wɔ bere a minnyinii. Watew me nkwa nna so. 24 O Onyankopɔn, mfa me mprempren a minnyinii yi. O Awurade, wote hɔ daa daa. 25 Tete no, wobɔɔ asase na wode wo nsa yɛɛ ɔsoro. 26 Wɔn nyinaa bɛyera nanso ɛbɛka wo. Wɔn nyinaa bɛtetew te sɛ ntamagow. Wobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow na wɔayera. 27 Nanso wote sɛnea wote. Wo nkwa to ntwa da.

28 Yɛn mma bɛtena ase a hwee nyɛ wɔn wɔ wo banbɔ ase, na wɔn asefo nso benya guankɔbea.