Add parallel Print Page Options

NKYƐM A EDI KAN

NNWOM 1-41

Ɔtreneeni ne ɔdebɔneyɛfo

Nhyira nka onipa a ontie nnebɔneyɛfo afotu, na onni nnebɔneyɛfo nneyɛe akyi, na onni wɔn a wodi fɛw nso akyi. Na mmom, ɔde anigye di Awurade mmara so, na odwen ho awia ne anadwo nyinaa. Ɔte sɛ nnua a enyin wɔ asuten ho, na ɛsow aba bere a ɛsɛ mu a ne nhaban no nguan. Odi nkonim wɔ biribiara a ɔyɛ mu.

Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu. Onyankopɔn bebu nnebɔneyɛfo fɔ, na wɔatew wɔn afi ne nkurɔfo ho. Awurade kyerɛ atreneefo kwan, na ɔbɔ wɔn ho ban. Na nnebɔneyɛfo de, wɔrekɔ wɔn sɛe mu.