Menu
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
account
Study Bibles + commentaries + Scripture = deeper understanding. Explore Bible Gateway Plus.
Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo
Read Scripture without ads. Try Bible Gateway Plus.
  • Read
    • Reading Plans
    • Advanced Search
    • Available Versions
    • Audio Bibles
  • Study
    • Scripture Engagement
    • More Resources
  • News
  • Explore
    • Newsletters
    • Devotionals
    • Bible Gateway App
    • Bible Audio App
    • Take a Tour
  • Store
    • Bibles
    • Deals
    • More
  • Bible Gateway Plus
NA-TWI
Version
Bible Books Bible Books
NA-TWI
Version
Read
Study
News
Explore
Store
Bible Gateway Plus
Light Mode Dark Mode
Font Size
Log In show menu
Previous Next
Print PrintSettingsSettingsShare ShareParallelParallelExpandExpandCollapse

Nnwom 69  Nkwa Asem

Osufrɛ

69 Gye me nkwa, O Onyankopɔn! Nsu no deda me kɔn mu. 2 Meremem wɔ atɛkyɛ mu, na asase a ɛso wo nni baabi. Madu subunu mu na asorɔkye no pɛ sɛ ɛfa me. 3 Mafrɛ mabrɛ. Me menem ayow. M’ani yɛ me yaw efisɛ, magyen no ara repɛ wo mmoa. 4 Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me tiri so nhwi. M’atamfo twa atoro to me so; wɔyɛ den na wɔrepɛ akum me. Wɔma medan nneɛma a manwia mema.

5 O Onyankopɔn, me bɔne so nkata wɔ w’anim. Wunim kwasea a mayɛ. 6 Mma mennsoa aniwu mmmrɛ wɔn a wɔde wɔn ho to wo so. Otumfoɔ Awurade no so! Mma memmfa aniwu mmɛto wɔn a wɔsom wo so, O lsrael Nyankopɔn! 7 Wo nti na wɔkasa tia me, nti aniwu akata me so. 8 Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu. Mete sɛ ɔmanfrani wɔ m’abusua mu. 9 Me ho a mede ama wo fi no hyehye me mu te sɛ ogya. Kasatia a wɔkasa tia wo no ka me. 10 Menam akɔnkyen so brɛ me ho ase, na nnipa kasa tia me. 11 Mifura ayiasetam, na wɔserew me. 12 Wɔka me ho nsɛm wɔ mmorɔn so; akɔwensafo de me too nnwom. 13 Nanso me de, mɛbɔ wo mpae, Awurade; gye me so, Onyankopɔn, wɔ bere a wopɛ mu. Wo dɔ kɛse nti, gye me so efisɛ, woahyɛ bɔ sɛ wubegye me nkwa. 14 Mma memmmem wɔ atɛkyɛ mu. Gye me fi m’atamfo nsam, na gye me fi nsu a emu dɔ mu.

15 Mma nsu nnyiri mmfa me. Mma memmmem wɔ bunu anaa damoa mu. 16 Gye me so, Awurade, wɔ wo dɔ pa a wode dɔ me daa no mu. W’ahummɔbɔ mu, dan w’ani hwɛ me! 17 Mfa wo ho nhintaw wo somfo; mewɔ ɔhaw mu na gye me so mprempren! 18 Bra me nkyɛn na begye me. Gye me fi m’atamfo nsam. 19 Wunim sɛnea wɔkasa tia me ne sɛnea wogu m’anim ase sɛe m’anuonyam. Wuhu m’atamfo nyinaa.

20 Kasatia hyɛ me koma so ama m’anidaso asa. Na minim sɛ obi bɛma me due, nanso mannya obi. Mepɛɛ awerɛkyekye nanso mannya bi. 21 Ɔkɔm dee me no, wɔmaa me awuduru. Osukɔm dee me no, wɔmaa me nsanyinyanyinya. 22 Wɔn apontow mfa wɔn nkɔ ɔsɛe mu. Ma wɔn adidi a wɔatew ho no mmɔ wɔn fam. 23 Ma wɔn ani mfurafura. Na ma wɔn akyi nyɛ mmerɛw. 24 Fa w’abufuw kɔ wɔn so, na ma w’abufuw mmene wɔn. 25 Ma wɔn atenae nyɛ amamfo. Mma obiara ntena nkwa mu wɔ wɔn ntamadan mu. 26 Wɔtaa wɔn a woatwe wɔn aso. Wɔka wɔn a woapira wɔn no amanehunu ho asɛm. 27 Kyerɛw wɔn bɔne a wɔayɛ gu hɔ. Mma wɔnnkɔka wo nkwagyedwuma no ho. 28 Popa wɔn din fi ateasefo nhoma no mu. Mfa wɔn din nka wo nkurɔfo de ho.

29 Nanso mewɔ yaw mu, na m’anidaso asa. Ma me so, O Onyankopɔn, na gye me nkwa! 30 Mɛto dwom akamfo Onyankopɔn; mɛda no ase de ada ne kɛseyɛ adi. 31 Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye sen nantwi afɔrebɔ; ɛsen nantwinini a wanyin afɔrebɔ. 32 Sɛ mmɔborɔni hu eyi a, n’ani begye. Na wɔn a wɔsom Onyankopɔn benya nkuranhyɛ. 33 Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn, na ne werɛ mfi ne nkurɔfo a wɔyɛ nneduafo.

34 Monkamfo Onyankopɔn, O ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 35 Obegye Yerusalem, na wasan akyekye Yuda nkurow. Ne nkurɔfo bɛtena hɔ na wɔafa asase no. 36 N’asomfo asefo na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔpɛ n’asɛm no atena hɔ.

Next
Nnwom 68
Nnwom 70
Next
dropdown
Nkwa Asem (NA-TWI)

Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.

Bible Gateway Plus logo
Bible Gateway logo

Font Size

Font Size

Dark Mode

Light Mode Dark Mode

About

  • About
  • Learn About the Bible
  • Statement of Faith
  • Mobile App
  • Store
  • Blog
  • Newsroom
  • Support Us

Help

  • FAQs
  • Tutorials
  • Use Bible Gateway on Your Site
  • Advertise with us
  • Contact us
  • Privacy policy
  • California Privacy Rights
  • Do Not Sell My Personal Information
  • Site: Terms of use
  • Widget: Terms of use

Our Network

  • FaithGateway
  • StudyGateway
  • ChurchSource
  • HarperCollins Christian Publishing
  • Grupo Nelson
  • Editorial Vida
  • Thomas Nelson
  • WestBow Press
  • Zondervan
  • MasterLectures

Social

  • Facebook
  • Instagram
  • Pinterest
  • TikTok
  • X
  • YouTube

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway
Sign Up for Bible Gateway: News & Knowledge
Get weekly Bible news, info, reflections, and deals in your inbox.

By submitting your email address, you understand that you will receive email communications from Bible Gateway, operated by HarperCollins Christian Publishing, 501 Nelson Pl, Nashville, TN 37214 USA, including commercial communications and messages from partners of Bible Gateway. You may unsubscribe from Bible Gateway’s emails at any time. If you have any questions, please review our Privacy Policy or email us at privacy@biblegateway.com.

Preferences

  • Versión en español
  • Preferences
  • Classic Bible Gateway