Nnwom 63
Nkwa Asem
Onyankopɔn ho anigyina
63 O Onyankopɔn, woyɛ me Nyankopɔn na m’ani agyina wo. Me nipadua nyinaa hwehwɛ wo te sɛ asase a ɛso awo na srade ne nsu nni mu. Wo ho sukɔn de me kra. 2 Ma minhu wo wɔ Kronkron mu Kronkron hɔ; ma minhu sɛ woyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo. 3 Wo dɔ a wodɔ daa no ye sen nkwa ankasa mpo, enti mɛkamfo wo. 4 Sɛ mete ase yi, mɛda wo ase. Mɛma me nsa so abɔ wo mpae. 5 Me kra bedidi na amee na mɛto anigye nnwom ayi wo ayɛ.
6 Meda mpa so nyinaa, mekae wo. Anadwo nyinaa, midwen wo ho 7 efisɛ, daa woyɛ me boafo. Wo ntaban ase nwini mu na mɛto anigye dwom. 8 Me bata wo ho na wo nsa hwɛ me so yiye. 9 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no bɛkɔ asaman ase pɛɛ. 10 Wobekum wɔn wɔ ɔko mu na mpataku awe wɔn nam. 11 Esiane sɛ Onyankopɔn ma no nkonim nti, ɔhene no benya ahosɛpɛw. Wɔn a wɔhyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu no bɛkamfo no, nanso atorofo ano de, wɔbɛto mu.
Psalm 63
New International Version
Psalm 63[a]
A psalm of David. When he was in the Desert of Judah.
1 You, God, are my God,
earnestly I seek you;
I thirst for you,(A)
my whole being longs for you,
in a dry and parched land
where there is no water.(B)
2 I have seen you in the sanctuary(C)
and beheld your power and your glory.(D)
3 Because your love is better than life,(E)
my lips will glorify you.
4 I will praise you as long as I live,(F)
and in your name I will lift up my hands.(G)
5 I will be fully satisfied as with the richest of foods;(H)
with singing lips my mouth will praise you.
6 On my bed I remember you;
I think of you through the watches of the night.(I)
7 Because you are my help,(J)
I sing in the shadow of your wings.(K)
8 I cling to you;(L)
your right hand upholds me.(M)
Footnotes
- Psalm 63:1 In Hebrew texts 63:1-11 is numbered 63:2-12.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.