Add parallel Print Page Options

Gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn banbɔ mu

62 Metwɛn boasetɔ mu sɛ Onyankopɔn nnye me nkwa. Mede me ho to ɔno nko ara so. Ɔno nko ara na ɔbɔ me ho ban gye me nkwa; ɔyɛ me gyefo enti obiara renni me so nkonim. Mobɛkɔ so akɔ onipa a n’ahoɔden nnu ɔfasuw a abu agu yi so akosi da bɛn? Pɛ ara na mopɛ sɛ motwe no fi n’anuonyam mu ba fam; mo ani gye atoro ho. Moka nhyira nsɛm mo ano a, mo koma mu de, modome no. Onyankopɔn nko ara na mede me ho to ne so. M’anidaso wɔ ne mu. Ɔno nko na ɔbɔ me ho ban gye me nkwa; ɔyɛ me gyefo na obiara rentumi nni me so nkonim.

Me nkwagye ne m’anuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me gyefo; ɔyɛ me guankɔbea. Me nkurɔfo, daa momfa mo ho nto Onyankopɔn so. Ka wo haw nyinaa kyerɛ no efisɛ, ɔyɛ yɛn guankɔbea. Nnipa nyinaa te sɛ home mu tutuw; akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee. Fa wɔn gu nsania so, na wɔnkari hwee. Wɔn mu yɛ hare te sɛ ɔhome mu mframa.

10 Mfa wo ho nto basabasayɛ so; nnya anidaso sɛ korɔn bɛma woanya biribi. Na sɛ w’ahonya dɔɔso mpo a, mfa wo ho nto so. 11 Mate mpɛn pii sɛ Onyankopɔn ka se, tumi yɛ ne de 12 enti ne dɔ so ntew. W’ankasa, O Awurade, tua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te pɛpɛɛpɛ.