Font Size
Nnwom 54
Nkwa Asem
Nnwom 54
Nkwa Asem
Ogye mpaebɔ
54 Gye me wo tumi mu, O Onyankopɔn; ma menne me ho, wo tumi mu! 2 Tie me mpaebɔ, O Onyankopɔn; tie me nsɛm! 3 Ahantanfo reba me so. Atirimɔdenfo pɛ sɛ wokum me; wɔn a wonsuro Onyankopɔn.
4 Nanso Onyankopɔn ne me boafo. Awurade ne me hwɛfo. 5 Awurade nnyina m’atamfo bɔne so ntwe wɔn aso. Ɔbɛsɛe wɔn efisɛ, ɔyɛ ɔnokwafo. 6 Mede anigye bɛbɔ wo afɔre, O Awurade; mɛda wo ase efisɛ, wuye.
7 Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mahu sɛ woadi m’atamfo so.
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.