Nnwom 28
Nkwa Asem
Mmoa mpaebɔ
28 O Awurade, me gyefo, mefrɛ wo; tie me sufrɛ! Sɛ woannye me so a mɛfra wɔn a wɔkɔ asaman no mu. 2 Sɛ misu frɛ se boa me na mema me nsa so kyerɛ wo fi hɔ a, tie me.
3 Mmu me fɔ mfa me mfra nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔyɛ bɔne no; nnipa a wɔn anom nsɛm yɛ dɛ nanso wɔwɔ ɔtan wɔ wɔn koma mu no mu. 4 Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn bɔne a wɔayɛ no so. Twe wɔn aso wɔ wɔn nneyɛe nyinaa so. Nea ɛfata wɔn no, fa ma wɔn! 5 Wonhu nea Awurade ayɛ ne ne nsa ano nnwuma; enti ɔbɛtwe wɔn aso na wasɛe wɔn korakora.
6 Kamfo Awurade; watie me sufrɛ. 7 Awurade bɔ me ho ban; mewɔ ne mu ahotoso. Ɔboa me na m’ani gye. Mede ayeyi nnwom kamfo no. 8 Awurade bɔ ne nkurɔfo ho ban; ɔbɔ ne hene a wayi no no ho ban, gye no nkwa.
9 Awurade, gye wo nkurɔfo nkwa, na hyira wɔn a wɔyɛ wo dea. Yɛ wɔn guanhwɛfo na hwɛ wɔn so daa nyinaa.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.