Add parallel Print Page Options

Akwankyerɛ ne ogye mpaebɔ

25 O, wo Awurade na mebɔ wo mpae; wo mu, me Nyankopɔn, na mahotoso wɔ. Gye me fi nkogu animguase mu. Mma m’atamfo ani mmmere me. Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nni nkogu, na mmom wɔn a wɔsɔre tia wo no.

Kyerɛ me w’akwan, O Awurade; da no adi kyerɛ me. Kyerɛ me na mentena ase wo nokware mu; efisɛ, wo ne me Nyankopɔn a wugye me nkwa. Daa mede me ho to wo so. Kae, O Awurade, w’adɔe ne wo dɔ a efi tete woada no adi akyerɛ me no. Fa me mmabun mu bɔne ne mfomso kyɛ me. Kae me wo dɔ a wode dɔ me daa no, Awurade!

Esiane sɛ Awurade yɛ ɔtreneeni na oye nti, ɔkyerɛ nnebɔneyɛfo kwan a wɔmfa so. Ɔkyerɛ ahobrɛasefo ɔkwan pa ne n’apɛde. 10 Ɔde nokware ne ɔdɔ di wɔn a wodi n’apam ne ne mmara so no anim.

11 Di wo bɔhyɛ so, Awurade, na fa me bɔne kyɛ me, efisɛ, ɛdɔɔso.

12 Wɔn a wotie Awurade no behu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so.

13 Wobenya nkɔso daa, na wɔn mma afa asase no.

14 Awurade fa wɔn a wotie no no nnamfo, na ɔne wɔn hyɛ n’apam no mu den. 15 Mede me ho to Awurade so sɛ ɔmmoa me daa nyinaa; ogye me fi amane mu. 16 Dan w’ani hwɛ me, O Awurade, na hu me mmɔbɔ efisɛ, meyɛ ɔbaakofo a mayɛ mmerɛw. 17 Yi me dadwene ne me haw nyinaa fi me so. 18 Dwen me mmɔborɔyɛ ne m’amanehunu ho na fa me bɔne nyinaa kyɛ me. 19 Hwɛ atamfo dodow a mewɔ; hwɛ ɔtan a wɔtan me. 20 Bɔ me ho ban na gye me nkwa. Yi me fi nkogu mu. Merebɛpɛ guankɔbea wɔ wo nkyɛn.

21 Me trenee ne me nokware nhwɛ me so efisɛ, mewɔ wo mu ahotoso. 22 O, Onyankopɔn, gye wo man Israel fi wɔn haw mu.