Font Size
Nnwom 128
Nkwa Asem
Nnwom 128
Nkwa Asem
Osetie ho akatua
128 Nhyira nka wɔn a wotie Awurade na wodi n’ahyɛde so.
2 W’adwuma na ɛbɛma wo nea ehia wo; wo ho bɛtɔ wo, na woadi yiye. 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛwɔ wo fi na ɛsow bebree; na wo mma nso ayɛ sɛ dua a atwa wo pon ho ahyia.
4 Saa na wobehyira onipa a odi Awurade asɛm so no.
5 Awurade nhyira wo mfi Sion! Wubehu Yerusalem nkɔso wo nkwa nna mu! 6 Wobɛtena ase ahu wo nenanom! Asomdwoe nka Israel.
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.